Awurade Ba No
13 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokorɛ a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, morenni ho awerɛhoɔ te sɛ wɔn a wɔnni anidasoɔ no. 14 Yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wɔnyaa ne mu gyidie ansa na wɔrewuo no bɛka ne ho aba.