Publicidade

Cânticos 1

1 Salomo nnwom mu dwom.

Ababaawa:

2 Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano,

ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa.

3 Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka

wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie.

Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!

4 Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!

Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam.

Nnamfonom

Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.

Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.

Ababaawa:

Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!

5 Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,

Ao, Yerusalem mmammaa,

mobiri te sɛ Kedar ntomadan,

te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!

6 Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti,

ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa.

Memaa mmammarima bo fuu me

enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;

na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.

7 Kyerɛ me me dɔfoɔ,

faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi

na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim

wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?

Nnamfonom

8 Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,

fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so

na fa wo mpapo mma kɔ adidi

wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.

Aberanteɛ:

9 Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ

a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.

10 Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ,

na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.

11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ

a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.

Ababaawa:

12 Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no,

nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.

13 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo toa

a ɛda me nufu ntam.

14 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm

wɔ En-Gedi bobe turo mu.

Aberanteɛ:

15 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ nie

wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma.

Ababaawa

16 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ nie

yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ.

Aberanteɛ:

17 Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro;

yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.

Veja também

Publicidade
Cânticos
Ver todos os capítulos de Cânticos
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_06-50-08-