Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom Mu Dwom 5

Aberanteɛ:

1 Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforɔ;

maboaboa me kurobo ne me nnuhwam ano.

Madi me woɔkyɛm ne ɛwoɔ;

manom me bobesa ne me nufosuo.

Nnamfonom:

Ao, nnamfonom, monnidi na monnom;

Ao, adɔfonom, monnom deɛ ɛbɛmee mo.

Ababaawa:

2 Medaeɛ nanso mʼakoma anna.

Tie! Me dɔfoɔ rebɔ ɛpono no mu;

"Bue me, me nuabaa, me dɔ,

mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm.

Obosuo afɔ me tirim,

anadwo mu bosuo afɔ me nwi."

3 Maworɔ mʼatadeɛ,

mensane mfa nhyɛ anaa?

Mahohoro me nan ase,

memma ho nyɛ fi bio anaa?

4 Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono no

mʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu.

5 Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ,

na me nsa ho kurobo

ne me nsateaa ho aduhwam,

yɛɛ apratwom no ho.

6 Mebue maa me dɔfoɔ no,

nanso na ɔkɔ.

Ne korɔ no maa me ho dwirii me.

Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara.

Mefrɛɛ no nanso wannye me so.

7 Awɛmfoɔ no hunuu me

ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu.

Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;

wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ

saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no!

8 Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo,

sɛ mohunu me dɔfoɔ no a,

asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?

Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti.

Nnamfonom:

9 Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ,

mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?

Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a

enti wohyɛ yɛn sei?

Ababaawa:

10 Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye,

wɔfa mpemdu a ɔda mu fua.

11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa;

ne tiri so nwi yɛ kuhaa,

na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.

12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a

ɔgyina asuwa bi ho;

ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no,

na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa.

13 Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ.

Ɛho hwa te sɛ aduhwam.

Nʼanofafa te sɛ sukooko

a ɛsosɔ kurobo.

14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa

a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu.

Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi ho

na wɔde aboɔdemmoɔ adura ho.

15 Ne nan te sɛ abohemaa afadum a

ɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so.

Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon a

ɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro.

16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa;

ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ.

Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie,

Ao, Yerusalem mmammaa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.