Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom Mu Dwom 6

Nnamfonom:

1 Ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ

mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?

Ɛhe na wo dɔfoɔ dane faeɛ,

na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?

Ababaawa:

2 Me dɔfoɔ ne turo mu,

faako a pɛperɛ nkofie ,

ɔkɔkyinkyini turo no mu

akɔboaboa sukooko ano.

3 Me dɔfoɔ me dea, na me nso me no;

ɔkyinkyin sukooko no mu.

Aberanteɛ:

4 Me dɔfoɔ, wo ho te Tirsa,6.4 Tirsa yɛ Kanaan tete kuro bi a Yeroboam de yɛɛ nʼahenkuro wɔ afe 930 AWK (ansa na wɔrewo Kristo) kɔsi afe 909 AWK wɔ atifi fam ahemman mu.

wʼahoɔfɛ te Yerusalem,

wosi pi te asraafoɔ a wɔretu frankaa.

5 Ɛnhwɛ me saa;

wo ma me basaa.

Wo tirinwi te mpapokuo a

wɔresiane firi Gilead.

6 Wo se te nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ,

a wɔfiri adwareɛ.

Wɔnam mmienu mmienu

na wɔn mu biara nyɛ ankonam.

7 Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu

te ateaa aduaba fa.

8 Ebia na ɔyerenom aduosia,

mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe,

ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn;

9 nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua;

ɔno nko ara ne ne maame babaa,

ɔno na deɛ ɔwoo no no nʼasɛm.

Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;

ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no.

Nnamfonom:

10 Hwan na wapue ahemadakye yi,

ɔyɛ frɔmm ɔsrane, na ɔhyerɛn owia,

nʼanimuonyam te nsoromma a wɔsa so.

Aberanteɛ:

11 Mesiane kɔɔ nnuaba mu

merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu,

bobe no agu nhyerɛnne

anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.

12 Mʼani baa me ho so no

na mʼadwene de me abɛsi me nkurɔfoɔ adehyeɛ nteaseɛnam so.

Nnamfonom:

13 Sane wʼakyi, sane wʼakyi, Ao, Sulamit abaayewa;

Sane bra, sane bra ma yɛn nhwɛ wo!

Aberanteɛ:

Adɛn enti na ɛsɛ mohwɛ Sulamit abaayewa

sɛdeɛ mohwɛ Mahanaim asa?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também