20 Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Yei enti, yɛnam Yesu Kristo so ka "Amen" de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. 21 Afei, Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn 22 faa yɛn sɛ ne deɛ, ɛnna ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn akoma mu de sii deɛ ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua.
Publicidade
Publicidade