Publicidade

2 Coríntios 13

Kɔkɔbɔ A Ɛtwa Toɔ

1 Nsra a ɛtɔ so mmiɛnsa a merebɛsra mo ni. Atwerɛsɛm no ka , "Adanseɛ a nnipa baanu anaa baasa bɛdi no na ɛsɛ wɔfa." 2 Ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu bio seesei a menni mo nkyɛn yi. mesane ba bio a, mo anaa nnipa afoforɔ bi a wɔayɛ bɔne no, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn, 3 ɛfiri , mopɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ bi Kristo nam me so kasa. Ɔnnyɛ mmerɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom, ɔwɔ tumi mo mu. 4 Ɛwom mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛ deɛ, nanso yɛn ayɔnkofa a yɛne no enti, yɛne no bɛtena Onyankopɔn tumi mu.

5 Monsɔ mo ho nhwɛ na mommu mo ho atɛn nhwɛ mote ase gyidie mu anaa. Monim yie Kristo Yesu te mo mu anaa? ɔnte mo mu a, na ɛkyerɛ moantumi sɔhwɛ no. 6 Menim yie mobɛhunu yɛanni nkoguo. 7 Afei, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn morennyɛ biribiara a ɛnnyɛ. Yɛmmpɛ nnipa bɛhunu yɛwɔ tumi bi mo so. mpo wɔhunu yɛn yɛsɛ nnipa a yɛadi nkoguo yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, ɛfiri , yɛpɛ mobɛyɛ deɛ ɛyɛ de adi nkonim. 8 Yɛrentumi nsɔre ntia nokorɛ, na mmom, nokorɛ nko ara na ɛsɛ yɛgyina ma no. 9 yɛhunu yɛyɛ mmerɛ na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti, yɛn nso yɛrebɔ mpaeɛ mobɛyɛ . 10 Ɛno enti na meretwerɛ saa krataa yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me memfa mmoa mo na monnyini na mo mu antete no so, na me ne mo anni no anibereɛ so.

11 Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo bɛtena.

12 Momfa onuadɔ nkyeakyea mo ho mo ho.

13 Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa kyeakyea mo.

14 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-