Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 22

Atemmuo A Ɛtia Ahemfo Amumuyɛfoɔ

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ, "Siane Yudahene ahemfie na kɔpae mu ka saa asɛm yi: 2 Tie Awurade asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu. 3 Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu ha. 4 moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. 5 Enti moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam , saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ "

6 Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie:

"Ɛwom medɔ wo te Gilead

na wote Lebanon mmepɔ atifi,

nanso, mɛyɛ wo anweatam,

nkuro a obiara nte mu.

7 Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo,

obiara ne nʼakodeɛ,

wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu

na wɔato agu ogya no mu.

8 "Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho , Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?9 Na mmuaeɛ no bɛyɛ , Ɛfiri , wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ "

10 Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ;

mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu,

ɛfiri ɔrensane nʼakyi

na ɔrenhunu asase a wɔwoo no so no bio.

11 Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ Yudahene na wafiri ha no ho: "Ɔrensane mma bio. 12 Ɔbɛwu baabi a wɔafa no nnommum akɔ ; na ɔrenhunu saa asase yi bio."

13 "Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie,

na ɔde nsisie si nʼabansoro.

Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ adwuma kwa,

na ɔntua wɔn apaadie so ka.

14 Ɔka , Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho

deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.

Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ mu;

ɔde ntweneduro dura mu

na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.

15 "Wowɔ ntweneduro bebree a

na ɛma woyɛ ɔhene anaa?

Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa?

Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene,

enti ɛsii no yie.

16 Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn,

enti biribiara yɛɛ yie maa no.

Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ obi nim me anaa?"

Awurade na ɔseɛ.

17 "Mo ani ne mo akoma

mfasoɔ bɔne nko ara so,

mohwie mogya a ɛdi bem guo

na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso."

18 Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:

"Wɔrensu no :

Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!

Wɔrensu no :

Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!

19 Wɔbɛsie no afunumu.

Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene

Yerusalem apono akyi."

20 "Monkɔ Lebanon nkɔ su,

momma wɔnte mo nne Basan;

monsu mfiri Abarim,

ɛfiri wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa.

21 Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo wʼasom adwo wo,

nanso wokaa , Merentie!

Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu;

woanyɛ ɔsetie amma me.

22 Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ,

na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.

Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase

ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti.

23 Mo a mote Lebanon,

na modeda ntweneduro adan mu,

ɛrenkyɛre koraa, ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene

te ɔbaa a ɔreko awoɔ.

24 "Nokorɛm, mete ase yi," Awurade na ɔseɛ, "Mpo wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo. 25 Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ. 26 Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu. 27 Morensane mma asase a mo kɔn mobɛsane aba so no bio."

28 Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te ayowaa a abɔ,

adeɛ a obiara mpɛ anaa?

Adɛn enti na wɔbɛpam ɔne ne mma,

akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?

29 Ao, asase, asase, asase!

Tie Awurade asɛm!

30 Yei ne deɛ Awurade seɛ:

"Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm nto te obi a ɔnni ba,

ɔbarima a ɔrennya nkɔsoɔ ne nkwa nna nyinaa

na nʼasefoɔ mu biara renya nkɔsoɔ,

na wɔn mu biara rentena Dawid ahennwa so

na wɔrenni Yuda so ɔhene bio."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também