Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 40

Wɔgyaee Yeremia

1 Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no gyaee Yeremia Rama akyi no, asɛm no firi Awurade nkyɛn baa Yeremia . Ɔhunuu , wɔagu Yeremia nkɔnsɔnkɔnsɔn nnommumfoɔ a wɔfiri Yerusalem ne Yuda a na wɔde wɔn rekɔ Babilonia no mu. 2 Brɛ a ɔsahene a ɔtua awɛmfoɔ no ano no hunuu Yeremia no, ɔka kyerɛɛ no , "Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔhyɛɛ saa amanehunu yi maa beaeɛ yi. 3 Na afei, Awurade ama aba mu. Wayɛ sɛdeɛ ɔkaa ɔbɛyɛ no. Yeinom nyinaa baa mu, ɛfiri , mo saa nnipa yi yɛɛ bɔne tiaa Awurade na moanyɛ ɔsetie amma no. 4 Nanso, ɛnnɛ mereyi wo afiri nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wo nsa no mu. wopɛ a, ma yɛnkɔ Babilonia na mɛhwɛ wo so, nanso wompɛ deɛ a ɛmma. Hwɛ ɔman no nyinaa na ɛda wʼanim no, baabiara a wopɛ." 5 Na ansa na Yeremia bɛdane ne ho akɔ no, Nebusaradan ka kaa ho , "Sane Ahikam babarima Gedalia a, ɔyɛ Safan nana, a Babiloniahene apa no ɔnhwɛ Yuda nkuro so no nkyɛn na wo ne no nkɔtena nnipa no mu, anaasɛ baabi foforɔ biara a wopɛ."

Na ɔsahene no maa Yeremia aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔeɛ. 6 Enti, Yeremia kɔɔ Ahikam babarima Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no tenaa nnipa a wɔkaa asase no so no mu.

Wɔkum Gedalia

7 Ɛberɛ a asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wiram no tee , Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado asase no so, na ɔde mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔyɛ ahiafoɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommumfa mu Babilonia ahyɛ ne nsa no, 8 wɔbaa Gedalia Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmammarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ɔfiri Netofa mmammarima, Yesania a, ɔyɛ Maakani babarima ne wɔn mmarima. 9 Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den , "Monnsuro mobɛsom Babiloniafoɔ. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ɛbɛsi mo yie. 10 Me deɛ, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu Babiloniafoɔ a wɔbɛba abɛhyia yɛn no mu, na mo deɛ, monkɔ boaboa nsã, ahuhuro berɛ mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu twaberɛ mu, na montenatena nkuro a moafa no so." 11 Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahodoɔ a aka no, tee Babiloniahene agya nkaeɛfoɔ bi Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nana amrado wɔn so no, 12 wɔn nyinaa sane baa Yuda asase so firi aman a wɔbɔɔ wɔn peteeɛ no so, kɔɔ Gedalia Mispa. Na wɔboaboaa nsã ne ahuhuro nnuaba bebree ano twaberɛ mu.

13 Na Karea babarima Yohanan ne akodɔm ntuanofoɔ a wɔda so wiram no baa Gedalia nkyɛn Mispa 14 na wɔka kyerɛɛ no , "Wonnim , Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael , ɔmmɛkum wo anaa?" Nanso, Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.

15 Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia kɔkoam Mispa , "Ma menkɔkum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn enti na ɛsɛ ɔkum wo na ɔma Yudafoɔ a wɔatwa wo ho ahyia no hwete, na Yudafoɔ nkaeɛfoɔ no yera?"

16 Nanso, Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan , "Ɛnyɛ saa adeɛ yi! Deɛ woka fa Ismael ho no nyɛ nokorɛ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também