Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 11

Wɔabu Apam No So

1 Asɛm a ɛfiri Awurade baa Yeremia nkyɛn nie: 2 "Tie apam yi mu nhyehyɛeɛ na ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem. 3 Ka kyerɛ wɔn , yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Nnome nka onipa a ɔnni apam yi mu nhyehyɛeɛ so, 4 deɛ mehyɛ maa mo agyanom ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, fononoo a wɔnane dadeɛ wo mu no.Mekaa , Monyɛ ɔsetie mma me na monyɛ biribiara mehyɛ mo, na mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn. 5 Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom , mema wɔn asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so no aba mu,asase mote so ɛnnɛ yi."

Mebuaa , "Amen, Awurade."

6 Awurade ka kyerɛɛ me , "saa asɛm yi ho dawuro Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so : Montie apam yi ho nhyehyɛeɛ na monni so. 7 Ɛfiri ɛberɛ a, meyii mo agyanom firii Misraim bɛsi ɛnnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ ɛberɛ biara , "Monyɛ ɔsetie mma me." 8 Nanso, wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wɔdii asoɔden a ɛfiri wɔn akoma bɔne mu akyi. Ɛno enti memaa nnomea a ɛfiri apam a mahyɛ wɔn wɔnni so na wɔanni so no mu baa wɔn so.’ "

9 Na afei Awurade ka kyerɛɛ me , "Atuateɛ apam bi Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem ntam. 10 Wɔasane wɔn agyanom a wɔampɛsɛ wɔtie mʼasɛm no, bɔne ho. Wɔadi anyame foforɔ akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so. 11 Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie: Mede amanehunu a wɔrentumi nnwane mfiri mu bɛba wɔn so. Ɛwom , wɔsufrɛ me deɛ, nanso merennye wɔn so. 12 Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔhye nnuhwam ma wɔn no, nanso amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. 13 Ao Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodoɔ bɛyɛ wo nkuro; na afɔrebukyia a moasisi mobɛhye nnuhwam so ama animguaseɛ nyame Baal no dɔɔso Yerusalem mmɔntene.

14 "Mmɔ mpaeɛ mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri , wɔsu frɛ me wɔn amanehunu mu a, merennye wɔn so.

15 "Ɛdeɛn na medɔfo reyɛ mʼasɔredan mu

ɛberɛ a wayɛ nsɛmmɔne bebree no?

Mpaeɛbɔ ne afɔdeɛ bɛtumi abɔ wʼasotwe no agu anaa?

woyɛ wʼamumuyɛsɛm a

na wʼani agye."

16 Awurade, frɛɛ wo ngo dua a anyini frɔmm

a ɛso aba a ɛyɛ .

Nanso ɔde ahum kɛseɛ bi huiɛ

bɛto mu ogya,

na ne mman bɛbubu.

17 Asafo Awurade a ɔduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wo ho, ɛfiri , Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ ayɛ bɔne ahyɛ me abufuo wɔhye nnuhwam ma Baal.

Yeremia Tirisopam

18 Esiane Awurade yii ɛpɔ a wɔabɔ kyerɛɛ me no enti, mehunuuɛ, ɛfiri saa ɛberɛ no ɔde deɛ wɔreyɛ no kyerɛɛ me. 19 Meyɛɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akɔkum no; amma mʼadwene mu wɔabɔ wɔn tirim po atia me ,

"Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no;

momma yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asase so,

sɛdeɛ wɔnnkae ne din bio."

20 Nanso Ao, Asafo Awurade, wo a wobu atɛntenenee

na wosɔ akoma ne adwene hwɛ,

ma menhunu wʼaweretɔ wɔn so,

na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.

21 Ɛno enti deɛ Awurade ka fa Anatot mmarimma a wɔrepɛ wo akum wo na wɔka , "Nhyɛ nkɔm Awurade din mu anyɛ saa a, wobɛwu yɛn nsa ano," 22 Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade seɛ nie: "Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmeranteɛ bɛwuwu akofena ano, na ɛkɔm bɛkunkum wɔn mmammarima ne mmammaa. 23 Wɔrennya wɔn nkaeɛfoɔ biara mpo, ɛfiri mede amanehunu bɛba Anatotfoɔ so wɔn asotwe afe mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também