Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 26

Owuo Hunahuna Yeremia

1 Yehoiakim a ɔyɛ Yudahene Yosia babarima adedie ahyɛaseɛ mfeɛ no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baeɛ: 2 "Yei ne deɛ Awurade seɛ: Gyina Awurade efie mu abannwa , na ka kyerɛ nnipa a wɔfiri Yuda nkuro mu bɛsom Awurade efie mu nyinaa. Ka deɛ mehyɛ wo no nyinaa kyerɛ wɔn; nnyi asɛm biara mfiri mu. 3 Ebia wɔbɛtie, na wɔn mu biara asane afiri nʼakwammɔne so. ɛba saa a, mɛtwɛn, na meremfa amanehunu a wɔn bɔne enti, mepɛɛ mede ba wɔn so no mma bio. 4 Ka kyerɛ wɔn , Deɛ Awurade seɛ nie: moantie me, na moanni me mmara a mahyɛ mo no so, 5 na moantie nsɛm a mʼasomfoɔ adiyifoɔ a mesoma wɔn mo nkyɛn ɛberɛ biara no ka kyerɛ mo no a, (mpo monntiee wɔn), 6 ɛnneɛ, mɛyɛ efie yi Silo, na kuropɔn yi ayɛ nnomedeɛ asase so aman nyinaa mu.’ "

7 Asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa tee Yeremia reka saa nsɛm yi, Awurade efie . 8 Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfoɔ no, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa to hyɛɛ no so kaa , "Ɛsɛ wo wu! 9 Adɛn na wohyɛ nkɔm Awurade din mu , efie yi bɛyɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena so anaa?" Na nnipa no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaeɛ Awurade efie .

10 Ɛberɛ a Yuda adwumafoɔ tee saa nsɛm yi no, wɔfirii ahemfie foro kɔɔ Awurade efie kɔtenaa efie no Ɛpono Foforɔ no ano. 11 Ɛna asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa , "Ɛsɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate mo asom!"

12 Na Yeremia kasa yii ne ho ano adwumayɛfoɔ ne nnipa no nyinaa anim , "Awurade somaa me , memmɛnhyɛ nkɔm ntia efie yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ moate no nyinaa. 13 Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ ɔde ba mo so no mma bio. 14 Me deɛ, mewɔ mo nsam; mobɛtumi ayɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene mo ani so. 15 Nanso monkae , mokum me a, moahwie mogya a ɛdi bem agu, na ɛso afɔdie bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu so; na nokorɛm Awurade na wasoma me memmɛka nsɛm yi nyinaa nnwu mo asom."

16 Na adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no , "Ɛnsɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn Awurade, yɛn Onyankopɔn din mu."

17 Na asase no so mpanimfoɔ no mu bi sɔreeɛ na wɔka kyerɛɛ badwa no nyinaa , 18 "Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so. Ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa , Yei na Asafo Awurade seɛ:

" Wɔbɛfuntum Sion te afuo.

Na Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ

na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu so.

19 Na Yudahene Hesekia anaa Yudani bi kumm no anaa? Hesekia ansuro Awurade ansrɛ ne adom? Na ɛno amma Awurade antwɛn ɔbɛyi amanehunu a ɔpɛɛ ɔde ba wɔn so no amfiri wɔn so anaa? Yɛreyɛ de amanehunu kɛseɛ aba yɛn ankasa so!"

20 (Semaia babarima Uria a ɔfiri Kiriat-Yearim no nso ɔbarima foforɔ a ɔhyɛɛ nkɔm Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm korɔ yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛdeɛ Yeremia yɛeɛ no. 21 Ɛberɛ a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanimfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ ɔkum no, nanso Uria teeɛ no, ɔde ehu dwane kɔɔ Misraim. 22 Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. 23 Wɔde Uria firi Misraim baeɛ, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde akofena kumm no na wɔtoo ne funu twenee kwasafo asieeɛ.)

24 Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔammfa no amma ɛdɔm no wɔnkum no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também