Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 45

Asɛm A Wɔde Ma Baruk

1 Yei ne nsɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan so mu, ɛberɛ a na Baruk atwerɛ nsɛm a ɛfiri Yeremia anom no agu nwoma mmobɔeɛ bi mu. 2 "Baruk, yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn ka kyerɛ wo: 3 Wokaa , Nnome nka me! Awurade de awerɛhoɔ aka me yeadie ho, na apinisie ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.4 Deɛ Awurade seɛ nie: Mɛsɛe deɛ makyekyereɛ na matu deɛ medua no ase asase no so nyinaa. 5 Enti ɛsɛ wopɛ nneɛma akɛseɛ ma wo ho anaa? Ɛnyɛ saa. Ɛfiri mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ɔseɛ, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também