Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 42

1 Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho ne nnipa no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so kɔɔ 2 odiyifoɔ Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na Awurade wo Onyankopɔn mpaeɛ ma saa nkaeɛfoɔ yi nyinaa. Sɛdeɛ wohunu no, kane no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi. 3 mpaeɛ sɛdeɛ Awurade wo Onyankopɔn bɛkyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ yɛkɔ ne deɛ ɛsɛ yɛyɛ."

4 Yeremia buaa wɔn , "Mate mo asɛm no, na ɛkwan biara so mɛbɔ Awurade mo Onyankopɔn mpaeɛ sɛdeɛ mo asrɛ no; mɛka deɛ Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo."

5 Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia , "yɛanyɛ deɛ Awurade wo Onyankopɔn soma wo ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ntia yɛn. 6 yɛpɛ o, yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ ɔsetie ama Awurade yɛn Onyankopɔn a yɛresoma wo ne nkyɛn no, sɛdeɛ ɛbɛsi yɛn yie, na yɛbɛdi Awurade yɛn Onyankopɔn asɛm so."

7 Dadu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia . 8 Enti, ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so. 9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn a mosomaa me memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no seɛ: 10 motena asase yi so a, mɛsiesie mo na merensɛe mo, mɛdua mo na merentu mo ase, ɛfiri me werɛ aho amanehunu a mama aba mo so no ho. 11 Monnsuro Babiloniahene a seesei mosuro noɔ no. Monnsuro no, Awurade na ɔseɛ, ɛfiri , me ne mo , mɛgye mo, na mayi mo afiri ne tumi ase. 12 Mɛhu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asane aba mo asase so.

13 "Nanso moka , Yɛrentena saa asase yi so,na ne saa enti moanyɛ ɔsetie amma Awurade mo Onyankopɔn, 14 na moka , Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, baabi a yɛrenhunu ɔko, na yɛrente totorobɛnto nnyegyeeɛ na aduanekɔm nne yɛn a,15 ɛnneɛ tie Awurade asɛm, Ao Yuda nkaeɛfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ, moayɛ mo adwene mobɛkɔ akɔtena Misraim, na monya kɔtena a, 16 ɛnneɛ akofena a mosuro no bɛto mo na ɛkɔm a mo akoma tu ho no bɛdi mo akyi akɔ Misraim, na ɛhɔ na mobɛwuwu. 17 Nokorɛm, wɔn a wɔasi wɔn adwene pi wɔbɛkɔ Misraim akɔtena no bɛwuwu akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako mpo renka anaa ɔrennwane mfiri amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.18 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, Sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem soɔ no, saa ara na mokɔ Misraim a, mʼabufuhyeɛ bɛhwie agu mo so. Mobɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbuo ne ahohora; morenhunu saa beaeɛ yi bio.

19 "Ao Yuda nkaeɛfoɔ, Awurade aka akyerɛ mo , Monnkɔ Misraim.Mommma mo werɛ mfiri. Ɛnnɛ merebɔ mo kɔkɔ 20 moyɛɛ mfomsoɔ a ɛyɛ hu yie ɛberɛ a mosomaa me kɔɔ Awurade mo Onyankopɔn , na mokaa , Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn, na ka deɛ ɔka biara kyerɛ yɛn, na yɛbɛyɛ,no. 21 Ɛnnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ ɔsetie mmaa Awurade mo Onyankopɔn ara biribiara a ɔhyɛɛ me menka nkyerɛ mo no ho. 22 Enti, afei mommma mo werɛ mfiri mobɛwuwu akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano baabi a mopɛ mokɔtena no."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também