Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 5

Obiara Nyɛ Ɔteneneeni

1 "Monni akɔneaba Yerusalem mmɔntene so,

monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ,

monhwehwɛ adwaberem nyinaa.

mohunu onipa baako mpo a

ɔyɛ na ɔdi nokorɛ a,

mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.

2 Ɛwom wɔka , Awurade te ase yi,

nanso wɔda so ka ntam hunu."

3 Ao Awurade, wopɛ nokorɛ enti

wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yea biara;

wodwerɛɛ wɔn, nanso wɔpoo ntenesoɔ.

Wɔyɛɛ wɔn anim denden kyenee ɔboɔ

na wɔpoo ahunu.

4 Mesusuu , "Yeinom nko ara ne ahiafoɔ no;

wɔyɛ nkwaseafoɔ nso,

ɛfiri wɔnnim Awurade akwan,

deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.

5 Enti mɛkɔ ntuanofoɔ no nkyɛn

akɔkasa akyerɛ wɔn;

ampa ara wɔnim Awurade akwan

deɛ wɔn Onyankopɔn hwehwɛ."

Nanso wɔn nso de adwene korɔ abubu kɔnnua no

atete nkyehoma no mu.

6 Ɛno enti gyata bi a ɔfiri kwaeɛm bɛto ahyɛ wɔn so,

pataku bi a ɔfiri anweatam so bɛtete wɔn mu.

Ɔsebɔ bi bɛtɛ wɔn abɛn wɔn nkuro

na obiara a ɔbɛyi ne ti no ɔbɛtete ne mu nketenkete,

ɛfiri wɔn adɔnyɛ no ano den

na wɔn akyirisane aboro so.

7 "Adɛn enti na ɛsɛ mede mo ho kyɛ mo?

Mo mma apo me

wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam.

Memaa wɔn deɛ wɔhia nyinaa,

nanso, wɔbɔɔ adwamam

na wɔbɔɔ yuu kɔɔ adwamanfoɔ afie mu.

8 Mpɔnkɔnini aniberefoɔ a wɔhwɛ wɔn yie,

wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.

9 Ɛnsɛ metwe wɔn aso yei ho?"

Sei na Awurade seɛ.

"Ɛnsɛ mʼankasa metɔ

ɔman a ɛte sei so were anaa?

10 "Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no,

nanso monnsɛe no koraa.

Mompempan ne mman no,

ɛfiri saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.

11 Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ

anni me nokorɛ koraa,"

Awurade na ɔseɛ.

12 Wɔadi atorɔ afa Awurade ho,

wɔkaa , "Ɔrenyɛ hwee!

Ɔhaw biara remma yɛn so;

yɛrenhunu akofena anaa ɛkɔm da.

13 Adiyifoɔ no mframa bi kɛkɛ

na asɛm no nte wɔn mu;

enti momma deɛ wɔka no mmra wɔn so."

14 Enti yei ne deɛ Asafo Awurade, Onyankopɔn seɛ:

"Esiane nnipa no aka saa nsɛm yi enti,

mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanomu no ogya

na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhye.

15 Ao, Israel fiefoɔ," Awurade na ɔseɛ,

"Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebɛtia wo,

tete ɔman a ɛyɛ ɔmantease,

nnipa a monnim wɔn kasa,

na monnte wɔn kasa ase.

16 Wɔn agyan mmɔtɔwa te damena a ano da ;

wɔn nyinaa nnɔmmarima.

17 Wɔbɛsɛe mo nnɔbaeɛ ne mo aduane,

asɛe mo mmammarima ne mo mmammaa;

wɔbɛsɛe mo nnwankuo ne mo anantwikuo,

asɛe mo bobe ne mo mmɔrɔdɔma.

Wɔde akofena bɛsɛe

nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.

18 "Afei saa nna no mu mpo," sei na Awurade seɛ, "Merensɛe mo korakora. 19 Na nnipa no bisa , Adɛn enti na Awurade, yɛn Onyankopɔn, ayɛ yɛn seia, mobɛka akyerɛ wɔn , Sɛdeɛ moagya me akɔsom ananafoɔ anyame mo ankasa mo asase so no, saa ara na seesei mobɛsom ananafoɔ asase a ɛnyɛ mo dea so.

20 "Monka yei nkyerɛ Yakob fiefoɔ

na mo mpae mu nka Yuda :

21 Montie, mo nkwaseafoɔ ne nnipa a monni adwene,

mowɔ ani nso monhunu adeɛ,

na mowɔ aso nso monte asɛm:

22 Ɛnsɛ mosuro me anaa?" Sei na Awurade seɛ.

"Ɛnsɛ mo ho popo mʼanim anaa?

Mede anwea ato hyeɛ ama ɛpo,

ɛhyeɛ a ɛwɔ daa a ɛrentumi ntra.

Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;

ɛbɛhuru so nanso ɛrentumi ntra.

23 Nanso, saa nnipa yi asoɔden ne atuateɛ akoma;

wɔatwe wɔn ho afiri me ho .

24 Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho ,

Momma yɛnsuro Awurade yɛn Onyankopɔn,

a ɔma osu ne mmerɛ mu,

deɛ ɔma yɛn awerɛhyɛmu ɔtwaberɛ nnapɛn a wahyɛ no ho.

25 Mo amumuyɛ abɔ yeinom agu;

mo bɔne ama adepa abɔ mo.

26 "Amumuyɛfoɔ bi me nkurɔfoɔ yi mu

a wɔtɛ nnipa a wɔsum nnomaa afidie,

na wɔte wɔn a wɔsum mfidie yi nnipa.

27 Sɛdeɛ nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no

saa ara na nsisie ahyɛ wɔn afie ma;

wɔayeyɛ adefoɔ na wɔanya tumi.

28 Wɔadodɔre sradeɛ ama wɔn ho ayɛ srasra.

Wɔn amumuyɛsɛm no nni awieeɛ;

wɔnnka nwisiaa asɛm mma wɔn nni bem,

na wɔmmɔ ahiafoɔ tumi ho ban.

29 Ɛnsɛ metwe wɔn aso yeinom ho anaa?"

Sei na Awurade seɛ.

"Ɛnsɛ mʼankasa metɔ

ɔman a ɛte sei so were anaa?

30 "Adeɛ a ɛyɛ hu ne ahodwirie

asi asase no so:

31 Adiyifoɔ no hyɛ nkɔntorɔ,

asɔfoɔ no de wɔn dibea di tumi,

na me nkurɔfoɔ no no saa ara.

Nanso awieeɛ no, ɛdeɛn na wobɛyɛ?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também