Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 19

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ: "na kɔtɔ dɔteɛ kuruwa firi ɔnwomfoɔ nkyɛn. Fa nnipa no mpanimfoɔ no mu bi ne asɔfoɔ no mu bi ka wo ho 2 na firi adi Ben Hinom Bɔnhwa a ɛbɛn Pɔthɛd Ɛpono ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no, 3 , Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ: Montie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yɔnn. 4 Ɛfiri , wɔagya me na wɔde ha ama ananafoɔ anyame; wɔahye afɔrebɔdeɛ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhunuu wɔn da, na wɔde mogya a ɛdi bem ahyɛ ha ma. 5 Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea wɔde ogya bɛhye wɔn mmammarima afɔrebɔdeɛ ama Baal, adeɛ a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu. 6 Ɛno enti, monhwɛ yie na nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a nnipa remfrɛ ha Tofet anaa Ben Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, Okum Bɔnhwa.

7 " Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛeɛ ha. Mɛma wɔatotɔ akofena ano wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma ewiem nnomaa ne asase so mmoa wɔn aduane. 8 Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no animtiabudeɛ; wɔn a wɔtwam no nyinaa ho bɛdwiri wɔn, na nʼapirakuro no enti wɔbɛdi ne ho fɛw. 9 Mɛma wɔawe wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛfiri ahohia a atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no tua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.

10 "Afei, kuruwa no wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ, 11 na ka kyerɛ wɔn , Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ wɔabɔ ɔnwomfoɔ kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wɔbɛsie awufoɔ Tofet kɔsi , ɛhɔ bɛyɛ ma. 12 Sei ara na mɛyɛ saa beaeɛ yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ɔseɛ. Mɛyɛ kuropɔn yi Tofet. 13 Afie a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfie ho bɛgu fi te Tofet ha. Afie a, wɔhyee nnuhwam adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na wɔguu nsã maa anyame foforɔ.’ "

14 Afei Yeremia sane firii Tofet, baabi a Awurade somaa no ɔnkɔhyɛ nkɔm no baeɛ, na ɔbɛgyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa , 15 "Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, Montie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ɛho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, ɛfiri wɔyɛɛ kɔnsenee na wɔantie me nsɛm.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também