Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 24

Borɔdɔma Nkɛntɛn Mmienu

1 Babiloniahene Nebukadnessar faa Yudahene Yehoiakin a ɔyɛ Yehoiakim babarima, nʼadwumayɛfoɔ, nʼadwumfoɔ ne nʼatomfoɔ a wɔwɔ Yuda firii Yerusalem kɔɔ nnommumfa mu Babilonia no akyi no, Awurade kyerɛɛ me borɔdɔma nkɛntɛn mmienu a wɔde asisi Awurade asɔredan no anim. 2 Kɛntɛn baako mu borɔdɔma no papa te deɛ ɛbere ntɛm; borɔdɔma a ɛwɔ kɛntɛn a ɛka ho no mu no nyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo.

3 Na Awurade bisaa me , "Ɛdeɛn na wohunu, Yeremia?"

Mebuaa , "Borɔdɔma, deɛ ɛyɛ pa ara, ne deɛ ɛnyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo."

4 Ɛna Awurade asɛm baa me nkyɛn , 5 "Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Borɔdɔma papa no gyina ma atukɔfoɔ a wɔfiri Yuda, wɔn a metwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia asase so no. 6 Mɛma mʼani aku wɔn ho, ama wɔn yiedie, na mɛsane de wɔn aba ha bio. Mɛsiesie wɔn na merensɛe wɔn. Mɛdua wɔn, na merentu wɔn ase. 7 Mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhunu me , me ne Awurade. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, ɛfiri , wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.

8 " Nanso te borɔdɔma a ɛnyɛ no, deɛ ɛnyɛ mma sɛdeɛ wɔdie mpo no,deɛ Awurade seɛ nie, saa ara na mɛyɛ Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne Yerusalem nkaeɛfoɔ, wɔte asase yi so anaa wɔte Misraim. 9 Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ne mfomsodeɛ ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa, wɔbɛyɛ ahɔhora na wɔabɔ wɔn din bɔne, wɔbɛyɛ asredeɛ ne mmusuo baabiara a mɛpam wɔn akɔ. 10 Mɛsoma akofena, ɛkɔm ne yaredɔm akɔ wɔn so kɔsi wɔbɛsɛe wɔn koraa afiri asase a mede maa wɔn ne wɔn agyanom.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também