Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 21

Awurade Po Sedekia Abisadeɛ

1 Asɛm firi Awurade baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a, ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania kɔɔ ne nkyɛn. Wɔkaa , 2 "Bisa Awurade, ma yɛn ɛfiri Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebɛdi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwanwadeɛ ama yɛn, sɛdeɛ ɔyɛɛ mmerɛ bi a atwam no na wafiri yɛn so akɔ."

3 Na Yeremia buaa wɔn , "Monka nkyerɛ Sedekia , 4 Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Merebɛdane mo nsam akodeɛ atia mo, deɛ mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafoɔ a wɔwɔ ɔfasuo no akyi na wɔatua mo kuropɔn no. Mɛboa wɔn ano kuropɔn yi mu. 5 Me ara mede nsa a matene ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo abufuo, anibereɛ ne abufuhyeɛ mu. 6 Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛkunkum wɔn. 7 Ɛno akyi, Awurade asɛm nie, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfoɔ ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, akofena ne ɛkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfoɔ wɔrepɛ wɔn nkwa no. Ɔde akofena bɛkunkum wɔn; ɔrenhunu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehyeɛ mma wɔn.

8 "Ɛbio, ka kyerɛ nnipa no , Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ mede nkwa ɛkwan ne owuo ɛkwan resi mo anim. 9 Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bɛwu akofena anaa ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara ɔbɛpue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafoɔ a wɔabɛtua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi. 10 Mawe ahinam , mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ɔseɛ. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhye no.

11 "Deɛ ɛka ho ne , ka kyerɛ Yuda adehyefie , Montie Awurade asɛm; 12 Ao Dawid efie, sei na Awurade seɛ:

" Mommu atɛntenenee anɔpa biara;

monnye deɛ wɔabɔ no korɔno no

mfiri ne nhyɛsofoɔ nsam,

anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na ahye ogya

ɛsiane bɔne a moayɛ enti,

ɛbɛhye a obiara rennum no.

13 Me ne mo anya, Yerusalem

Mo a mote bɔnhwa yi atifi

abotan asaseta soɔ,

Awurade na ɔseɛ,

mo a moka , "Hwan na ɔbɛtumi ako atia yɛn?

Hwan na ɔbɛtumi ahyɛne yɛn hintabea?"

14 Mɛtwe mo aso sɛdeɛ ɛfata mo nneyɛɛ,

Awurade na ɔseɛ.

Mɛto mo kwaeɛ mu ogya,

a ɛbɛhye biribiara a atwa mo ho ahyia.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também