Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 28

Odiyifoɔ Torofoɔ Hanania

1 Ɔbosome a ɛtɔ so enum afe korɔ a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedie ahyɛaseɛ, afe a ɛtɔ so ɛnan no mu, odiyifoɔ Hanania a ɔyɛ Asur a ɔfiri Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me Awurade efie ɛberɛ a na asɔfoɔ ne nnipa no nyinaa ahyia , 2 "Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no. 3 Mfeɛ mmienu mu no, mede Awurade efie mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa firii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsane aba bio. 4 Na mɛsane de Yehoiakin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommumfoɔ a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba biosei na Awurade seɛ, na mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.’ "

5 Na odiyifoɔ Yeremia buaa odiyifoɔ Hanania asɔfoɔ ne nnipa a na wɔgyinagyina Awurade efie no nyinaa anim. 6 Ɔkaa , "Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ wɔde Awurade efie nneɛma no nyinaa ne nnommumfoɔ bɛfiri Babilonia asane aba ɛha yi no mmra mu. 7 Nanso, tie asɛm a ɛsɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso teɛ: 8 Ɛfiri tete no, adiyifoɔ a wɔdii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahennie akɛseɛ. 9 Nanso odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, ne nkɔmhyɛ no ba mu a wɔbɛgye no atom obi a ampa ara Awurade asoma no."

10 Na odiyifoɔ Hanania yii kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu, bubuu mu, 11 na ɔkaeɛ nnipa no nyinaa anim , "Yei ne deɛ Awurade seɛ: Saa ara na mɛbubu Babiloniahene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu mfeɛ mmienu mu.’ " Odiyifoɔ Yeremia tee yei no ɔfirii kɔeɛ.

12 Odiyifoɔ Hanania bubuu kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu akyire no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn : 13 "na kɔka kyerɛ Hanania , Yei ne deɛ Awurade seɛ: Woabubu dua kɔnnua mu, nanso mede dadeɛ kɔnnua bɛsi anan mu. 14 Na sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: Mede dadeɛ kɔnnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wiram mmoa so.’ "

15 Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania , "Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atorɔ ato mu. 16 Ɛno enti, Awurade seɛ nie: Merebɛyi wo afiri asase so. Afeɛ yi mu ara wobɛwu, ɛfiri woaka atuateɛ nsɛm atia Awurade.’ "

17 Ɔbosome a ɛtɔ so nson afe no ara mu no, odiyifoɔ Hanania wuiɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também