Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 38

Wɔde Yeremia Hyɛ Abura Mu

1 Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ nnipa no nyinaa , 2 "Yei ne deɛ Awurade seɛ: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu bɛwu akofena, ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafoɔ afa no bɛtena nkwa mu. Ɔbɛnya ne tiri adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu. 3 Na yei ne deɛ Awurade seɛ, Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene akodɔm nsa, na wɔn na wɔbɛdi so.’ "

4 Ɛno enti adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene no , "Ɛsɛ wɔkum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafoɔ a wɔaka kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiedie na mmom wɔn sɛeɛ."

5 Ɔhene Sedekia buaa , "Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo."

6 Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ adihɔ no mu. Wɔde ntampehoma gyaagyaa no too abura no mu; na nsuo nni mu, mmom atɛkyɛ na na ɛwom, enti Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.

7 Na Ebed-Melek38.7 Ebed-Melek—Ɛkyerɛ "ahenkwaa". Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfie tee wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Ɛberɛ a ɔhene no te Benyamin Ɛpono no, 8 Ebed-Melek firii ahemfie kɔka kyerɛɛ no , 9 "Ɔdɛɛfoɔ, deɛ saa nnipa yi ayɛ nyinaa amumuyɛsɛm a ɛtia odiyifoɔ Yeremia. Wɔato no atwene abura mu, baabi a ɛkɔm bɛkum no ɛberɛ a burodo asa kuropɔn yi mu."

10 Ɛna ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek , "Fa mmarima aduasa firi ha ka wo ho, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu, ansa na wawu."

11 Ɛno enti, Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɛdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, ahemfie . Ɔkɔsesaa ntomago ne ntadeɛ dada de kyekyeree ntampehoma ho, gyaa mu maa Yeremia abura no mu. 12 Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia , "Fa ntomago ne ntadeɛ dada no hyehyɛ wo mmɔtoam, na ntampehoma no ammia wo." Na Yeremia yɛɛ saa, 13 Wɔde ntampehoma no twetwee no de yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ adihɔ .

Sedekia Bisa Yeremia Nsɛm Bio

14 Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa Awurade asɔredan ano ɛkwan a ɛtɔ so mmiɛnsa . Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia , "Merebɛbisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me."

15 Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia , "mema wo mmuaeɛ a, worenkum me anaa? Mpo metu wo fo a, worentie me."

16 Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kɔkoam kyerɛɛ Yeremia , "Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wonhyɛ wɔn a wɔpɛ wɔkum wo no nsa."

17 Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia , "Yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, no seɛ: wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔrenkum wo na wɔrenhye kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafoɔ bɛtena nkwa mu. 18 Na woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafoɔ, na wɔbɛhye no dwerɛbee; na wʼankasa rentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’ "

19 Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia , "Mesuro Yudafoɔ a wɔkɔ Babiloniafoɔ afa no, ɛfiri , ebia Babiloniafoɔ no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayakayakadeɛ."

20 Yeremia buaa , "Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na deɛ meka kyerɛ woɔ. Ɛno na ɛbɛma asi wo yie na woanya nkwa. 21 Nanso woamfa wo ho amma Babiloniafoɔ no de a, deɛ Awurade ayi akyerɛ me nie: 22 Mmaa a wɔaka Yudahene ahemfie nyinaa no, wɔde wɔn bɛfiri adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfoɔ no. Saa mmaa no bɛka akyerɛ wo ,

" Wɔdaadaa wo na wɔdii wo so

wo nnamfonom a wogye wɔn die no.

Wo nan amem atɛkyɛ mu;

wo nnamfonom agya wo .

23 "Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafoɔ no. Wo deɛ worentumi nnwane mfiri wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkye wo, na wɔbɛhye saa kuropɔn yi."

24 Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia , "Mma obiara nte saa nkɔmmɔdie yi, anyɛ saa a, wobɛwu. 25 adwumayɛfoɔ no te me ne wo kasaeɛ, na wɔbɛbisa wo , Ma yɛnte deɛ woka kyerɛɛ ɔhene ne deɛ ɔhene nso ka kyerɛɛ woɔ; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yɛbɛkum wo a,26 ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn , Na meresrɛ ɔhene ɔmmfa me nsane nkɔ Yonatan efie mma me nkɔwu .’ " 27 Adwumayɛfoɔ no nyinaa baa Yeremia bɛbisaa no, na ɔkaa deɛ ɔhene hyɛɛ no ɔnka no nyinaa. Enti, wɔanka hwee ankyɛre no bio, ɛfiri obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔdie no.

28 Na Yeremia tenaa ɔwɛmfoɔ adihɔ kɔsii da a wɔfaa Yerusalem.

Wɔfa Yerusalem

Sɛdeɛ wɔfaa Yerusalem nie:

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também