Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 14

Nsuweɛ, Ɛkɔm, Akofena

1 Yei ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuweɛ ho:

2 "Yuda di awerɛhoɔ

ne nkuropɔn hunu amane.

Wɔbɔ asase no ho abubuo,

na wɔsu Yerusalem.

3 Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo;

wɔkɔhwɛ ankorɛ mu

nanso wɔnnya nsuo.

Wɔde wɔn nsuhina sane ba a hwee nni mu;

wɔkatakata wɔn tiri so

abotuo ne abasamutuo mu.

4 Asase no apaapae

ɛfiri osuo ntɔ asase no so;

akuafoɔ no bo atu

na wɔkata wɔn tiri so.

5 Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so

gya ne ba a wawo no foforɔ

ɛfiri ɛserɛ biara nni .

6 Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so

home sakraman;

wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea

nanso wɔnhunu bi."

7 Ɛwom yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ,

nanso Ao Awurade, wo din enti ho biribi.

Yɛn akyirisane dɔɔso;

na yɛayɛ bɔne atia wo.

8 Ao, Israel Anidasoɔ,

yɛn Agyenkwa amanehunu mmerɛ mu,

adɛn enti na woayɛ ɔhɔhoɔ asase no so,

te ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo ?

9 Adɛn enti na woayɛ obi a adeɛ afu ne mu yi,

te ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa?

Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade

na wo din da yɛn so;

nnya yɛn mu!

10 Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho:

"Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree;

wɔmma wɔn nan nhome.

Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu;

afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no

na watwe wɔn aso wɔn bɔne ho."

11 Na Awurade ka kyerɛɛ me , "Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi. 12 Mmom ɛwom wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn."

13 Nanso mekaa , "Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa , Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena daa ha.’ "

14 Na Awurade ka kyerɛɛ me , "Adiyifoɔ no hyɛ nkɔmtorɔ me din mu. Mensomaa wɔn mennyii wɔn, na menkasa nkyerɛɛ wɔn. Wɔrehyɛ nkɔm afa atorɔ anisoadehunu, nsumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho. 15 Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka , Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu. 16 Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.

17 "Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:

" ma nisuo nnware me anadwo ne awia

a ɛtoɔ ntwa da

ɛfiri me babaa bunu, me nkurɔfoɔ

anya apirakuro a ɛyɛ hu

na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ.

18 mekɔ ɔman no mu a,

mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano;

mekɔ kuropɔn no mu a

mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ.

Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa

asase a wɔnnim so so.’ "

19 Woapo Yuda kora anaa?

Wokyi Sion anaa?

Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so

na yɛnnya ayaresa?

Yɛn ani daa asomdwoeɛ so,

nanso ade papa biara mmaeɛ,

yɛn ani daa ayaresaberɛ so

nanso ehubɔ na ɛbaeɛ.

20 Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu

ne yɛn agyanom afɔdie;

nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo.

21 Na wo din enti mmu yɛn animtia;

nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho.

Kae wo ne yɛn apam no

na mmu so.

22 Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo anaa?

Anaasɛ ewiem bɛtumi ama obosuo apete?

Dabi, ɛyɛ wo, Ao Awurade yɛn Onyankopɔn.

Enti wo so na yɛn ani da,

yɛretwɛn mmoa afiri wo .

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também