Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 8

1 " Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu. 2 Wɔbɛsɛ no kɛtɛ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sumina a ɛgugu fam. 3 Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ wɔbɛwu sene wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Bɔne Ne Asotwe

4 "Ka kyerɛ wɔn , Deɛ Awurade seɛ nie:

" nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa?

onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa?

5 Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho?

Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi?

Wɔkura nnaadaa mu pintinn;

na wɔmpɛ wɔsane wɔn akyi.

6 Mawɛn maso matie,

nanso wɔnnka deɛ ɛtene.

Wɔn mu biara nnu ne ho nʼamumuyɛ ho,

na ɔka , "Ɛdeɛn na mayɛ?"

Obiara fa ɔno ara ɛkwan so

te ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.

7 Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem

nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no,

na aturukuku, asomfena ne anyankuku

hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi,

nanso me nkurɔfoɔ nnim

deɛ Awurade hwehwɛ.

8 " Adɛn na motumi ka , "Yɛnim nyansa,

ɛfiri yɛwɔ Awurade mmara,"

ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ

de atorɔ adanedane mu?

9 Anyansafoɔ no anim bɛgu ase;

wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn.

wɔapo Awurade asɛm no a,

na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ?

10 Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ

ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ.

Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,

wɔn nyinaa adifudepɛfoɔ de ahonya;

adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,

wɔn nyinaa asisifoɔ.

11 Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro

te deɛ ɛnyɛ hu.

Wɔka , "Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ"

mmerɛ a asomdwoeɛ nni .

12 Wɔn ani wu wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?

Dabi, wɔn ani nnwu koraa;

wɔnnim fɛreɛ mpo.

Enti wɔbɛtotɔ atɔfoɔ mu;

metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase,

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

13 " Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ,

deɛ Awurade seɛ nie.

Aba biara remma bobe nnua no so.

Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,

ɛso nhahan bɛdwindwan.

Deɛ mede ama wɔn no

wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ "

14 Adɛn enti na yɛtete ha?

Mommoaboa mo ho ano!

Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu

na yɛnkɔwuwu !

Ɛfiri Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ

na wama yɛn nsuo a awuduro mu yɛnnom,

ɛfiri yɛayɛ bɔne atia no.

15 Yɛhwɛɛ ɛkwan yɛbɛnya asomdwoeɛ

nanso biribi pa biara amfiri mu amma,

yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan

nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.

16 Wɔte atamfoɔ no apɔnkɔ homee

firi Dan;

na wɔn apɔnkɔnini su

ma asase no nyinaa woso.

Wɔaba wɔrebɛsɛe

asase no ne ɛso nneɛma nyinaa,

kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.

17 "Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano borɔ aba mo mu,

nhurutoa a wɔntumi nnwodwo wɔn,

na wɔbɛkeka mo,"

deɛ Awurade seɛ nie.

18 Ao mʼawerɛhoɔ mu ɔwerɛkyekyefoɔ,

mʼakoma aboto me mu.

19 Tie me nkurɔfoɔ sufrɛ

a ɛfiri akyirikyiri asase so:

"Awurade nni Sion anaa?

Ne Ɔhene no nni bio anaa?"

"Adɛn enti na wɔde wɔn nsɛsodeɛ ahyɛ me abufuo,

wɔn ananafoɔ ahoni huhuo no?"

20 "Otwa berɛ no atwam,

ahuhuro berɛ no aba awieeɛ,

na wɔnnyee yɛn nkwa."

21 wɔadwerɛ me nkurɔfoɔ no enti, wɔadwerɛ me;

medi awerɛhoɔ, na ahodwirie akyekyere me.

22 Aduro bi nni Gilead anaa?

Ɔyaresafoɔ bi nni anaa?

Na afei adɛn enti na ayaresa nni

mma me nkurɔfoɔ apirakuro?

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também