Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 16

Amanehunu Ɛda

1 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn : 2 "Ɛnsɛ wo ware na wowo mmammarima anaa mmammaa ha." 3 Yei ne deɛ Awurade ka fa mmammarima ne mmammaa a wɔwo wɔn asase yi so mmaa a wɔyɛ wɔn maamenom ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom no ho: 4 "Owuyareɛ bɛkunkum wɔn. Wɔrensu wɔn na wɔrensie wɔn, mmom wɔbɛyɛ sumina a ɛgugu fam. Wɔbɛtotɔ akofena ano na ɛkɔm bɛkunkum wɔn na wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa."

5 "Nhyɛne efie a ayie apontoɔ wo mu; nkɔsu wɔn abia, na mma wɔn hyɛden, ɛfiri mayi me nhyira, me ne mʼahummɔborɔ afiri saa nnipa yi so," Awurade na ɔseɛ. 6 "Atitire ne mpapahwekwaa bɛwu asase yi so. Wɔrensie wɔn, na wɔrensu wɔn, na obiara remmɔ ne ho akam, na wɔn enti, obiara renyi ne ti mfa nkae wɔn. 7 Obiara remma wɔn a wɔdi awufoɔ no ho awerɛhoɔ no aduane mfa nkyekye wɔn werɛ, owufoɔ no agya anaa ne maame mpo, na obiara mma wɔn nsã nso mfa nkyekye wɔn werɛ.

8 "Na nhyɛne efie a apontoɔ so mu nkɔtena ase, nnidi na nnom. 9 Na yei ne deɛ Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn no seɛ: Wo nkwanna mu a, wʼani tua no, mede ahosɛpɛ ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere ahosɛpɛ nne a ɛwɔ ha no, bɛba awieeɛ.

10 "woka yeinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wɔbisa wo , Adɛn enti na Awurade abɔ mmɔm a ɛyɛ hu sei atia yɛn? Ɛdeɛn mfomsoɔ na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia Awurade, yɛn Onyankopɔna, 11 ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn , Ɛfiri mo agyanom gyaa me kɔdii anyame foforɔ akyi, kɔsom wɔn sɔree wɔn, Awurade asɛm nie. Wogyaa me na wɔanni me mmara so. 12 Na mo deɛ, moayɛ amumuyɛsɛm asene mo agyanom. Monhwɛ sɛdeɛ mo mu biara di nʼakoma bɔne asoɔden akyi ɛberɛ a anka ɛsɛ ɔyɛ ɔsetie ma me. 13 Ɛno enti, mɛtu mo afiri saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaa mo agyanom nnim so, na ɛhɔ mobɛsom anyame foforɔ awia ne anadwo, na merenhunu mo mmɔbɔ.

14 "Nanso nna no reba," Awurade na ɔseɛ, "a nnipa renka bio , Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,15 mmom wɔbɛka , Awurade te ase yi deɛ ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase ne aman a ɔtuu wɔn kɔɔ so nyinaa.Ɛfiri mɛsane de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no so.

16 "Na seesei, mɛsoma apofofoɔ bebree a wɔbɛkyere wɔn." Awurade na ɔseɛ. "Ɛno akyi, mɛsoma akɔfa abɔmmɔfoɔ bebree a wɔbɛtaataa wɔn mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu. 17 Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; ɛnsumaa me, na wɔn bɔne nso nhintaeɛ mʼani so. 18 Mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, ɛfiri wɔde aniwudeɛ nsɛsodeɛ a ɛnni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ abɛhyɛ mʼagyapadeɛ so ma de agu mʼasase ho fi."

19 Ao Awurade, mʼahoɔden ne mʼaban,

mʼahohia mu dwanekɔbea,

wo nkyɛn na amanaman no bɛba

wɔbɛfiri nsase ano aka ,

"Yɛn agyanom annya biribiara anyame huhuo,

ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ na wɔammoa wɔn.

20 Nnipa wɔn ankasa anyame anaa?

Aane, nanso wɔnyɛ nokorɛ anyame!"

21 "Ɛno enti mɛkyerɛkyerɛ wɔn,

saa ɛberɛ yi deɛ mɛkyerɛ wɔn

me tumi ne mʼahoɔden.

Afei wɔbɛhunu

me din ne Awurade.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também