Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 47

Nsɛm A Ɛfa Filistifoɔ Ho

1 Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:

2 Sei na Awurade seɛ:

"Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue atifi fam;

ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so,

nkuro no ne nnipa a wɔtete mu.

Nnipa no bɛteateam;

wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo

3 ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,

na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye

ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.

Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;

wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.

4 Na ɛda no aba

wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa

na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,

wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no.

Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no,

nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.

5 Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo;

wɔbɛma Askelon atɔre mum.

Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so,

mobɛsu akɔsi da bɛn?

6 "Mosu , Aa Awurade akofena,

da bɛn na wobɛhome?

Sane kɔhyɛ wo bɔha mu;

gyae na da dinn.

7 Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn

ɛberɛ a Awurade ahyɛ no

ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também