Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 2

Israel Pa Onyankopɔn Akyi

1 Awurade asɛm baa me so: 2 "Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:

"Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu,

sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ mu

na wodii mʼakyi ɛserɛ so,

asase a wɔnnuaa so hwee.

3 Na Israel kronkron ma Awurade,

ne twaberɛ mu abukan;

wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn ,

na amanehunu baa wɔn so,"

sɛdeɛ Awurade, seɛ nie.

4 Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ,

mo Israel mmusuakuo nyinaa.

5 Yei ne deɛ Awurade seɛ:

"Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu me ho a

ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei?

Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi,

ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.

6 Wɔammisa , Ɛhe na Awurade ?

Deɛ ɔyii yɛn firii Misraim

na ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so,

anweatam ne amenamena asase

a awo na ayɛ owubɔn no.

Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.

7 Mede mo bɛduaa asase bereɛ so

monni so nnuaba ne ɛso nnepa.

Nanso mobɛguu mʼasase ho fi

na moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ.

8 Asɔfoɔ no ammisa ,

Ɛhe na Awurade ?

Wɔn a wɔde mmara adwuma no anhwehwɛ me;

ntuanofoɔ sɔre tiaa me.

Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm,

na wɔdii ahoni huhuo akyi.

9 "Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,"

deɛ Awurade seɛ nie.

"Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.

10 Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ,

monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie;

monhwɛ biribi a ɛte sei asi :

11 Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa?

Nso wɔnnyɛ anyame mpo.

Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam

asesa ahoni huhuo.

12 Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho,

na mo ho nwoso akomatuo mu,"

deɛ Awurade seɛ nie.

13 "Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu:

Wɔapa mʼakyi,

me a meyɛ nkwa asutire no,

na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena,

amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.

14 Israel akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa?

Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi?

15 Agyata abobɔ mu;

wɔapɔ no so.

Wɔasɛe nʼasase;

wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo.

16 Afei, Memfis ne Tapanhes mmarima

ayi wo tiri so nwi.

17 Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo so

wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi,

ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan?

18 Afei adɛn enti na mokɔ Misraim

kɔnom Sihor mu nsuo?

Na adɛn enti na mokɔ Asiria

kɔnom Asubɔnten no mu nsuo?

19 Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso;

wʼakyirisane bɛka wʼanim.

Enti dwene ho na hunu ,

wopa Awurade wo Onyankopɔn akyi

na woannya ne ho suro a,

ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo."

Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ.

20 "Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu,

na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;

na wokaa , Merensom wo!

Nokorɛm, kokoɔ biara so

ne dua biara a adendan ase

na wotena bɔɔ adwaman.

21 Meduaa wo bobe amapa

a ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu.

Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ me

bɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wura mu yi?

22 wode soda

ne samina bebree dware mpo a,

wʼafɔdie nkekaawa da so ara,"

sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.

23 "Ɛbɛyɛ dɛn na woaka , Meho nguu fi;

mennii Baalnom akyi?

Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho bɔnhwa no mu;

dwene deɛ woayɛ no ho.

Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔ

a wotu mmirika ha ba ha,

24 wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no,

ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ onini hyia no.

nʼakɔnnɔ no ano den a hwan na ɔbɛsianka no?

Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree;

ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no.

25 Ntu mmirika kɔsi wobɛyi wo mpaboa

na wo mene mu bɛwe.

Nanso wokaa , Ɛho nni mfasoɔ!

Mepɛ ananafoɔ anyame,

na ɛsɛ medi wɔn akyi.

26 "Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no,

saa na wɔagu Israel efie anim ase,

wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ,

wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ.

27 Wɔka kyerɛ dua , Woyɛ mʼagya,

ne ɛboɔ , Wo na wowoo me.

Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me

na ɛnyɛ wɔn anim;

nanso amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka ,

Bra bɛgye yɛn!

28 Anyame a moyɛ maa mo ho no he?

Momma wɔmmra wobɛtu agye mo

ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu!

Ɛfiri mowɔ anyame bebree

te deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda.

29 "Adɛn enti na mobɔ me soboɔ?

Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,"

Awurade na ɔseɛ.

30 "Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa;

wɔamfa me ntenesoɔ.

Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ

te gyata a nʼani abereɛ.

31 "Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho:

"Mayɛ anweatam ama Israel anaa?

Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa?

Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka , Yɛwɔ ho ɛkwan yɛkyinkyin;

yɛremma wo nkyɛn bio.

32 Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ,

ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa?

Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me,

nna a wɔntumi nkan.

33 Hwɛ nyansa a mowɔ de mo adɔfoɔ!

Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.

34 Mo aduradeɛ mu, nnipa hunu

ahiafoɔ a wɔdi bem mogya,

nanso moankyere wɔn wɔrebubu akɔ mo dan mu.

Yeinom nyinaa akyi

35 woka , Medi bem;

ne bo mfuu me.

Nanso mɛbu wo atɛn

ɛfiri wo ka , Menyɛɛ bɔne biara.

36 Adɛn enti na wokyinkyini se,

sesa wʼakwan?

Misraim bɛdi wo hwammɔ

sɛdeɛ Asiria yɛeɛ no.

37 Afei wobɛfiri saa beaeɛ

a wo nsa gu wo tiri so.

Ɛfiri Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;

wɔremmoa wo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também