Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 12

Yeremia Anwiinwii

1 Ao Awurade, mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara a

mehunu wobu atɛntenenee.

Ɛno enti, mepɛ mene wo bɛkasa afa wʼatɛntenenee ho:

Adɛn enti na amumuyɛfoɔ ɛkwan si wɔn yie?

Adɛn enti na wɔn a wɔnni gyidie ho dwo wɔn?

2 Woadua wɔn, na wɔagye nhini;

wɔnyinyini na wɔso aba.

Wɔbɔ wo din ɛberɛ biara

nanso wɔn akoma mmɛn wo.

3 Nanso, wonim me, Ao Awurade;

wohunu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wo ho hwɛ.

Twe wɔn nnwan a wɔrekɔkum wɔn!

Yi wɔn si nkyɛn ma okum da!

4 Asase no ntwɛn nkɔsi da bɛn?

Prama so ɛserɛ no mpo adwan.

Esiane wɔn a wɔte so no amumuyɛfoɔ enti

mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu.

Na nnipa no da so ka ,

"Ɔrenhunu deɛ ɛba yɛn so."

Onyankopɔn Mmuaeɛ

5 "wo ne mmarima tu mmirika

na wɔma wo abrɛ a,

ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ asi mmirikakan?

wosunti asase petee so a,

ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn Yordan ho nkyɛkyerɛ mu?

6 Wo nuammarima, wʼankasa abusuafoɔ,

wɔn mpo ayi wo ama;

wɔteam denden tia wo.

mpo wɔka wo ho asɛm pa a,

mfa wo ho nto wɔn so.

7 "Magya me nkurɔfoɔ,

mato mʼagyapadeɛ agu;

mede deɛ medɔ noɔ no

bɛhyɛ nʼatamfoɔ nsa.

8 Mʼagyapadeɛ ayɛ me

gyata a ɔwɔ kwaeɛm.

Ɔbobɔ mu gu me so;

ɛno enti metane no.

9 Mʼagyapadeɛ ayɛ anomaa a

nkekaeɛ sisi ne ho a ɔkyere mmoa,

nanso, nnomaa a wɔkyere mmoa atwa ne ho ahyia resosɔ no.

Monkɔboaboa nkekaboa nyinaa ano.

Momfa wɔn mmra na wɔnkum wɔn.

10 Nnwanhwɛfoɔ bebree bɛsɛe me bobeturo,

na wɔatiatia me mfuo so;

wɔbɛdane me mfuo fɛfɛ no

ayɛ no asase wesee a ada mpan.

11 Ɛbɛyɛ asase a ada mpan a

awo wesee na ɛda kwa mʼanim;

asase no nyinaa bɛda mpan

ɛfiri obiara nni a ɔhwɛ soɔ.

12 nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam no nyinaa so no,

asɛefoɔ bɛba abɛgu so bebree,

Awurade akofena bɛkunkum wɔn

afiri asase ano de akɔsi ano nohoa;

obiara remfa ne ho nni.

13 Wɔbɛdua atokoɔ, nso wɔbɛtwa nkasɛɛ;

wɔbɛbrɛ wɔn ho, nanso wɔrennya hwee.

Enti ma wʼani nwu wo otwa berɛ ho.

Awurade abufuhyeɛ nti."

14 Deɛ Awurade seɛ nie: "Na amumuyɛfoɔ a wɔfa agyapadeɛ a mede maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no deɛ, mɛtu wɔn afiri wɔn nsase so na mɛtu Yudafie afiri wɔn mu. 15 Na metu wɔn wie a, mɛhunu wɔn mmɔbɔ bio, na mede wɔn mu biara bɛba nʼagyapadeɛ ne nʼasase so. 16 Na wɔsua me nkurɔfoɔ akwan yie na wɔbɔ me din ka ntam , Nokorɛm Awurade te ase yia, ɛwom mmerɛ bi wɔkyerɛɛ me nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔde Baal kaa ntam deɛ, nanso wɔn ase bɛtim me nkurɔfoɔ mu. 17 Nanso, ɔman bi antie a, mɛtu nʼase, na masɛe no korakora," Awurade na ɔseɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também