Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 39

1 Yudahene Sedekia dii adeɛ no, ne mfeɛ nkron mu bosome edu so no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa, wɔtua kuropɔn no na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ. 2 Sedekia adedie afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so ɛnan no da a ɛtɔ so nkron no, wɔbubuu kuropɔn no afasuo. 3 Na Babiloniahene adwumayɛfoɔ no nyinaa bɛtenaa Mfimfini Ɛpono : Nergal-Sareser a ɔfiri Samgar ne Nebo-Sarsekim a ɔyɛ ɔsraani panin ne Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire, ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a aka no nyinaa. 4 Ɛberɛ a Yudahene Sedekia ne nʼasraafoɔ nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwaneeɛ, wɔfaa ɔhene turo mu firii kuropɔn no mu anadwo, kɔfaa ɛpono a ɛwɔ afasuo mmienu no ntam, de wɔn ani kyerɛɛ Araba.

5 Nanso, Babilonia akodɔm no taa wɔn kɔtoo Sedekia Yeriko tata so. Wɔfaa no dommum de no kɔmaa Babiloniahene Nebukadnessar Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn. 6 Ribla na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ mmapɔmma nyinaa nso. 7 Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no ɔde no rekɔ Babilonia.

8 Babiloniafoɔ no de ogya too ahemfie no ne nnipa no afie mu, na wɔdwirii Yerusalem afasuo no. 9 Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de kuropɔn no mu nkaeɛfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no ne nnipa a aka no kɔɔ nkoasom mu Babilonia. 10 Nanso, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano no gyaa ahiafoɔ wɔnni hwee no mu bi Yuda asase so, na saa ɛberɛ no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase.

11 Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho , 12 "Fa no na hwɛ ne so; nha no na deɛ ɔbisa biara no, ma no." 13 Enti, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano, Nebusaradan, adwumayɛfoɔ panin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa 14 soma ma wɔkɔfaa Yeremia firi awɛmfoɔ adihɔ baeɛ. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa ɔmfa no nkɔ ne efie. Enti, Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfoɔ mu.

15 Ɛberɛ a Yeremia da so da afiase awɛmfoɔ adihɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn , 16 "Kɔka kyerɛ Kusni Ebed-Melek , Sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me nsɛm a ɛtia kuropɔn yi no mede refa amanehunu so na ɛnyɛ yiedie so ama aba mu. Saa ɛberɛ no ɛbɛba mu wʼanim. 17 Nanso mɛgye wo saa ɛda no, Awurade na ɔseɛ; wɔremfa wo nhyɛ wɔn a wosuro wɔn no nsa. 18 Mɛgye wo nkwa, na worentɔ akofena ano na mmom wobɛnya wo tiri adidi mu, ɛfiri wogye me di, Awurade, na ɔseɛ.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também