Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 4

1 "wobɛsane wʼakyi a Ao, Israel,

sane bra me nkyɛn,"

sei na Awurade seɛ.

"woyi wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ firi mʼani so

na woammane bio,

2 na , nokorɛ, pɛyɛ ne tenenee mu

woka ntam , Awurade te ase yi,a

afei mobɛyɛ nhyira ama aman no

na ne mu na wɔbɛnya animuonyam."

3 Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalem:

"Monsiesie mo asase a wɔmfuntum da

na monnnua nkasɛɛ mu.

4 Montwitwa mo ho twetia mma Awurade

montwitwa mo akoma twetia,

mo Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ,

anyɛ saa a mʼabufuhyeɛ bɛsɔre na adɛre ogya.

Mo bɔne a moayɛ enti,

ɛbɛhye a obiara rennum."

Amanehunu A Ɛfiri Atifi Fam

5 "nkaeɛ Yuda na pae mu ka Yerusalem ,

Hyɛn totorobɛnto no asase no nyinaa so!

Team denden :

Mommoaboa mo ho ano!

Momma yɛn nnwane nkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no so!

6 Momma frankaa so na monkɔ Sion

monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!

Ɛfiri mede amanehunu firi atifi fam reba,

ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu."

7 Gyata bi afiri ne tu mu;

ɔbɔaman bi asi mu.

Wafiri ne tenabea

ɔrebɛsɛe wʼasase.

Wo nkuro bɛbubu

na ada mpan.

8 Enti fira ayitoma,

di awerɛhoɔ na twa adwo,

ɛfiri Awurade abufuhyeɛ no

nnane mfirii yɛn so.

9 "Saa ɛda no," Awurade na ɔseɛ,

"ɔhene no ne adwumayɛfoɔ no bɛbɔ hu,

asɔfoɔ no bo bɛtu,

na adiyifoɔ no ho bɛdwiri wɔn."

10 Afei, mekaa , "Aa, Otumfoɔ Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem. Wokaa , Mobɛnya asomdwoeɛ,ɛberɛ a akofena da yɛn mene mu."

11 Saa ɛberɛ no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem , "Mframa a emu hyeɛ bɛbɔ afiri nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam so aba me nkurɔfoɔ so, ɛnyɛ deɛ ɛpɔ ho anaa ɛhuhu soɔ; 12 mframa a ano den boro saa no firi me nkyɛn. Afei, mepae mu ka mʼatemmuo a ɛtia wɔn."

13 Hwɛ! Ɔreba omununkum,

ne nteaseɛnam reba , ntwahoframa,

nʼapɔnkɔ ho herɛ sene akɔdeɛ.

Yɛnnue! Yɛawu!

14 Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa.

Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn?

15 Ɛnne bi rebɔ kaseɛ firi Dan,

ɛrebɔ amanehunu ho dawuro firi Efraim nkokoɔ so.

16 "Monka yei nkyerɛ aman no,

mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem ,

Atuafoɔ dɔm firi akyirikyiri asase bi so reba,

wɔma ɔko nteamu so de tia Yuda nkuropɔn.

17 Wɔtwa kuropɔn no ho hyia mmarima a wɔrewɛn afuo,

ɛfiri me nkurɔfoɔ ate me so atua,’ "

sei na Awurade seɛ.

18 "Wʼankasa abrabɔ ne nneyɛeɛ

na ɛde yei aba wo so.

Yei wʼasotwe.

Ɛyɛ nwono!

Ɛwowɔ akoma!"

19 Ao mʼahoyera, mʼahoyera!

Mede ɔyea nukanuka me mu.

Ao mʼakoma ɔyeadie!

Mʼakoma paripari me mu,

mentumi nyɛ komm.

Ɛfiri , mate totorobɛnto no nnyegyeɛ;

mate ɔko frɛ no.

20 Amanehunu di amanehunu akyi;

asase no nyinaa asɛe.

Wɔasɛe me ntomadan prɛko ,

ne me hintabea mpofirim.

21 Ɛsɛ mehwɛ ɔko frankaa no

na metie totorobɛnto no nnyegyeeɛ kɔsi da bɛn?

22 "Me nkurɔfoɔ nkwaseafoɔ;

wɔnnim me.

Wɔyɛ mma a wɔnni adwen;

wɔnte hwee ase.

Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa;

na wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ papa."

23 Mehwɛeɛ asase no,

na ɛnni bɔbea na hwee nni so;

mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni .

24 Mehwɛeɛ mmepɔ no,

na wɔrewosowoso,

na nkokoɔ no nyinaa rehinhim.

25 Mehwɛeɛ, na nnipa nni ;

ewiem anomaa biara atu .

26 Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatam

na ne nkuro nyinaa asɛe

Awurade anim, nʼabufuhyeɛ anim.

27 Sei na Awurade seɛ:

"Wɔbɛsɛe asase no nyinaa,

mmom merensɛe no korakora.

28 Enti asase bɛdi awerɛhoɔ

na ɔsorosoro bɛduru sum,

ɛfiri makasa na merentwe nsan.

Masi gyinaeɛ na mennane no."

29 Apɔnkɔsotefoɔ ne agyantofoɔ nnyegyeeɛ

ma kuro biara sofoɔ dwane.

Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ mu

ebinom foro abotan mu.

Nkuro no nyinaa so ada mpan;

na obiara nte so.

30 Ɛdeɛn na woreyɛ Ao wo a woasɛe woɔ?

Adɛn na wofira kɔben

de sikakɔkɔɔ agudeɛ asiesie wo ho?

Adɛn na wode nnuro keka wʼani?

Wohyehyɛ wo ho kwa.

Wʼadɔfoɔ bu wo animtia;

wɔrepɛ wo akum wo.

31 Mete osu bi te ɔbaa a awoɔ aka no,

mete apinisie te ɔbaa a ɔrebɔne awoɔ,

Ɔbabaa Sion su te deɛ nisupɔporɔ ahini no,

ɔtrɛ ne nsa mu na ɔka ,

"Afei deɛ, meretɔ baha;

wɔde me kra ama awudifoɔ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também