Pular para o conteúdo
Publicidade

Yeremia 48

Nsɛm A Ɛfa Moab Ho

1 Asɛm a ɛfa Moab ho no nie:

Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:

"Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.

Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no;

wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam.

2 Wɔrenkamfo Moab bio;

Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho ;

Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.

Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom;

akofena no bɛtaa mo.

3 Montie osu a ɛfiri Horonaim,

adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su.

4 Wɔbɛbɔ Moab:

na ne mma nketewa bɛteateam.

5 Wɔforo Luhit,

wɔde agyaadwotwa a emu den na ɛrekɔ;

ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so no

wɔte ahoyera mu agyaadwotwa adesɛeɛ no ho.

6 Monnwane! Montu mmirika mpere mo nkwa.

Momfa mo ho nsie wira anweatam so.

7 Esiane mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti,

mo nso wɔbɛfa mo nnommum,

na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu,

ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ.

8 Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa,

na emu biara renya ne ho ntete.

Wɔbɛsɛe bɔnhwa no

na wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no,

ɛfiri Awurade akasa.

9 Momfa nkyene nhyɛ Moab,

ɛfiri wɔrebɛsɛe no;

ne nkuro bɛda mpan a

obiara rentena soɔ.

10 "Nnome nka deɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase Awurade adwumayɛ ho!

Nnome nka deɛ ɔmmfa nʼakofena nhwie mogya nguo!

11 "Moab atena ase asomdwoeɛ mu firi ne mmerante ɛberɛ mu,

te nsã ase puo a ataa dinn

a wɔnnhwie mfirii ahina mu nkɔguu ahina foforɔ mu da;

saa ara na Moab nso nkɔɔ nnommumfa mu da.

Enti ɔte deɛ ɔte ara,

na ne ho hwa nsesa.

12 Nanso, nna bi reba,"

Awurade na ɔseɛ,

"a mɛsoma mmarima a wɔhwie nsã firi ahina mu,

na wɔbɛhwie no agu;

wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee

na wɔabobɔ ne nkuruwa.

13 Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,

sɛdeɛ Israel efie anim guu ase

ɛberɛ a wɔde wɔn ho too Bet-El soɔ no.

14 "Ɛyɛ dɛn na wotumi ka , Yɛyɛ nnɔmmarima,

mmarima akokoɔdurufoɔ ɔsa mu?

15 Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkuro so sa;

ne mmeranteɛ a wɔte apɔ no, wɔbɛkunkum wɔn,"

deɛ Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no seɛ nie.

16 "Moab asehweɛ abɛn;

nʼamanehunu bɛba ntɛm.

17 Monsu no, mo a motete ne ho nyinaa,

ne mo a monim ne din nyinaa;

monka , Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempoma a ɛyɛ den yi?

Ɛyɛɛ dɛn na wɔabu animuonyam poma fɛfɛ yi mu?

18 "Firi wʼanimuonyam mu,

na bɛtena asase wesee no so,

wo a wote Ɔbabaa Dibon mu,

ɛfiri deɛ ɔsɛe Moab no

bɛtu aba wo so;

abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ no.

19 Gyina kwankyɛn na hwɛ,

wo a wote Aroer.

Bisa ɔbarima a ɔredwane no ne ɔbaa a ɔrefiri mu afi,

bisa wɔn , Asɛm bɛn na asie?

20 Moab anim agu ase, ɛfiri wɔabubu no pasaa;

montwa adwo na monteateam!

Mommɔ dawuro Arnon ho

wɔasɛe Moab.

21 Atemmuo aba bepɔ tamaa so

Holon, Yahas ne Mefaat,

22 Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim

23 ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon

24 ne Keriot ne Bosra

Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn.

25 Wɔatwa Moab abɛn;

na ne basa abu,"

Awurade na ɔseɛ.

26 "Momma no mmoro nsã,

ɛfiri wabu Awurade animtia.

Momma Moab nyantam ne feɛ mu;

momma no nyɛ fɛdideɛ.

27 Ɛnyɛ Israel na na ɔyɛ mo fɛdideɛ?

Wɔkyeree no akorɔmfoɔ mu anaa,

a enti mowoso mo ti animtiabuo so

ɛberɛ biara a mobɛka ne ho asɛm?

28 Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu,

mo a motete Moab.

Monyɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo

ɔbodan ano.

29 "Yɛate Moab ahantan no

nʼahomasoɔ ne gye a ɔgye ne ho di mmorosoɔ;

nʼahantan ne nʼahomasoɔ,

ne nʼakoma mu ahohoahoa.

30 Menim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,"

Awurade na ɔseɛ,

"na nʼahohoahoa mfa hwee mma.

31 Enti metwa adwo ma Moab,

mesu team ma Moabfoɔ nyinaa,

medi awerɛhoɔ ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.

32 Mesu ma mo sɛdeɛ Yaser su,

Ao Sibma bobe.

Mo mman dendane kɔɔ ɛpo ho pɛɛ;

kɔduruu Yaser ɛpo ho.

Ɔsɛefoɔ no abɛgu

mo nnuaba a abereɛ ne mo bobe no so.

33 Ahosɛpɛ ne anigyeɛ atu afiri

Moab nnuaba nturo ne mfuo so.

Matwa nsã a ɛtene firi nsakyimena no so;

obiara mmfa ahosɛpɛ ntiatia bobe no so.

Ɛwom nteateam deɛ,

nanso ɛnyɛ ahosɛpɛ nteateam.

34 "Wɔn su ano den gyegye firi

Hesbon de kɔsi Eleale ne Yahas,

firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya.

Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe.

35 Moab no,

mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhwam

a wɔhye ma wɔn anyame no bɛba awieeɛ,"

Awurade na ɔseɛ.

36 "Enti mʼakoma su atɛntɛbɛn ma Moab;

esu atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.

Ahonyadeɛ a wɔpɛeɛ no .

37 Wɔabɔ etire biara tikwa

na wɔayi abɔgyesɛ biara;

nsa nyinaa ho ayɛ akamakam

na ayitoma sisi obiara asene.

38 Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi

ne ɔmanfoɔ adwaberem nyinaa,

biribiara nni awerɛhoɔ,

ɛfiri mabubu Moab

ayɛ no ahina a obiara mpɛ,"

Awurade na ɔseɛ.

39 "Hwɛ sɛdeɛ wabubuo afa! Hwɛ sɛdeɛ wɔretwa adwoɔ!

Na hwɛ sɛdeɛ Moab de aniwuo dane nʼakyi!

Moab ayɛ fɛdideɛ

ne ahodwiredeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa."

40 Yei ne deɛ Awurade seɛ:

"Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ reto hoo aba fam.

Watrɛ ne ntaban mu Moab so.

41 Wɔbɛfa Keriot nnommum

na wafa nʼaban denden no.

Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akoma

bɛtu ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.

42 Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,

ɛfiri , ɔbuu Awurade animtia.

43 Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo,

Ao Moabfoɔ,"

Awurade na ɔseɛ.

44 "Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu no

bɛtɔ nkomena mu,

deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no,

afidie bɛyi no;

na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,"

Awurade na ɔseɛ.

45 "Hesbon nwunu ase

na adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara,

ɛfiri ogya bi atu afiri Hesbon;

ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini;

ɛhye Moabfoɔ moma,

ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano den no ti kwankoraa.

46 Nnome nka wo Ao, Moab!

Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no;

wɔde wo mmammarima nnommumfa mu

na wo mmammaa nso nkoasom mu.

47 "Nanso mede Moab adenya bɛsane ama no

nna a ɛbɛba no mu,"

Awurade na ɔseɛ.

Moab atemmuo no awieeɛ nie.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também