Publicidade

2 Coríntios 8

Ayamyɛ

1 Anuanom, yɛpɛ mohunu deɛ Onyankopɔn adom ayɛ Makedonia asɔre ahodoɔ mu. 2 Wɔn ahokyere mu wɔn anigyeɛ boroo so, na wɔn hia mu mpo, woyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ. 3 Medi ho adanseɛ wɔmaa deɛ wɔbɛtumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara firii wɔn mu 4 srɛɛ yɛn yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Akristofoɔ a wɔwɔ Yudea no bi. 5 Wɔyɛ maa ɛboroo so. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei, wɔfiri Onyankopɔn mu de wɔn ho maa yɛn nso. 6 Enti, yɛka kyerɛɛ Tito a ɔhyɛɛ adwuma yi ase , ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi. 7 Moyɛ adefoɔ deɛ mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo moboa mu, ne ɔdɔ a mode yɛn mu. Enti, yɛpɛ mode ahofama som ɔdɔ mu.

8 Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom, mepɛ mede mo a mowɔ no toto afoforɔ deɛ ho hwɛ mo no ɔdɔ pa ara anaa. 9 Monim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo . Ɔdefoɔ a na ɔyɛ no nyinaa akyi, mo enti, ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma mo ayɛ adefoɔ.

10 Mʼadwene a mewɔ asɛm no ho nie: Afe ni, mo na modii ɛkan yɛɛ ayɛ na mofiri mo mu na momaeɛ. 11 Monkɔ so na monwie dwuma no di. Momma mo ho mpere mo mobɛwie sɛdeɛ mosusuiɛ mobɛyɛ. 12 wo ho pere wo wobɛma a, Onyankopɔn nam deɛ wowɔ so bɛgye, na ɛnyɛ deɛ wonnie so.

13 Merennye nkurɔfoɔ adesoa mmɛgu mo so na mmom, ɛsiane mowɔ bebree saa ɛberɛ yi mu no enti, ɛyɛ moboa wɔn a wɔnni bi no. 14 Na ɛba biribi ho hia mo na wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Yei ma mo nyinaa . 15 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka , "Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn."

16 Yɛda Onyankopɔn ase wama Tito mo ho anigyeɛ, sɛdeɛ me nso mʼani gye mo ho no bi. 17 Ɛnyɛ ɔpenee yɛn abisadeɛ so nko, na mmom, ɔno ankasa firii ne mu pɛɛ ɔboa enti na ɔsii nʼadwene pi ɔbɛba mo nkyɛn no. 18 Yɛresoma onua bi a wɔbu no asɔre ahodoɔ no nyinaa mu asɛnka no ho no aka ne ho. 19 Ɛno akyi, asɔre ahodoɔ no ayi onua yi ɔne yɛn ntutu akwan mmerɛ a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade animuonyam yi no, na yɛmfa nkyerɛ nso yɛpɛ yɛboa. 20 Yɛhwɛ yɛn ho so yie asɛm biara remma kwan a yɛbɛfa so de saa akyɛdeɛ yi adi dwuma no ho. 21 Yɛn botaeɛ ne , yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ Awurade ne nnipa anim.

22 Enti, yɛresoma onipa foforɔ bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no akwan ahodoɔ bebree so ahwɛ na yɛahunu ɛyɛ ne ɔboa. Na seesei ne ho pere no ɔbɛboa ɛfiri wanya mo mu ahotosoɔ. 23 Tito deɛ, ɔyɛ me ɔboafoɔ a ɔne me adwuma de boa mo na anuanom a wɔne no rekɔ no deɛ, wɔyɛ asɔre ahodoɔ ananmusifoɔ a wɔhyɛ Kristo animuonyam. 24 Momma wɔnhunu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asafo no nyinaa bɛhunu hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nokorɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-