Publicidade

Mateus 20

Afuom Adwumayɛfoɔ Ho Abɛbuo

1 Yesu sane buu wɔn ɛbɛ foforɔ bi , "Ɔsoro Ahennie te okuafoɔ bi a ɔfirii adi anɔpa bi, ɔrekɔhwehwɛ nnipa abɔ wɔn paa. 2 Ne nsa kaa apaafoɔ no, ɔne wɔn hyehyɛɛ ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.

3 "Ankyɛre ɔfirii adi bio kɔhunuu nnipa bi nso, wɔgyinagyina a wɔnyɛ hwee na wɔrehwehwɛ obi ama wabɔ wɔn paa. 4 Ɔfaa wɔn nso de wɔn kɔɔ nʼafuo no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn nso , ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.

5 "Ɔsane kɔɔ owigyinaeɛ ne nnɔnmiɛnsa ɛberɛ mu kɔbɔɔ nnipa foforɔ paa ne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ korɔ no ara bi. 6 Ɔsane firii adi bɛyɛ nnomum berɛ mu, kɔhunuu nnipa bi gyinagyina . Ɔbisaa wɔn , Adɛn enti na ɛda mu yi nyinaa mogyinagyina ha a monyɛ hwee?

7 "Wɔyii ano , Obi mmɛbɔɔ yɛn paa.

"Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ wɔn , Ɛnneɛ monkɔka apaafoɔ a wɔreyɛ adwuma mʼafuom no ho.

8 "Ɛduruu anwummerɛ no, ɔfrɛɛ deɛ ɔtua nʼapaafoɔ no ka no ka kyerɛɛ no , Hwɛ na tua wɔn ka, firi wɔn a wɔbaa akyire no so kɔsi wɔn a wɔbaa kane no so.

9 "Apaafoɔ a ɔfaa wɔn akyire no nyinaa, ɔtuaa wɔn ɛda koro apaabɔdeɛ. 10 Wɔn a wɔfaa wɔn kane no nso baeɛ. Wɔsusuu wɔbɛnya sika a ɛboro wɔn a ɔfaa wɔn akyire no deɛ no so. Nanso, wɔn nso, ɔtuaa wɔn sɛdeɛ ɔtuaa wɔn a wɔbaa akyire no ara . 11 Wɔn nsa kaa wɔn apaabɔdeɛ no, anyɛ wɔn . 12 Wɔka kyerɛɛ afuowura no , Nnipa a wɔbaa akyire no yɛɛ adwuma dɔnhwereɛ baako , nso yɛn a yɛyɛɛ adwuma firi anɔpa ma owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua .

13 "Ɔbuaa wɔn mu baako , Damfo, menyɛɛ wo bɔne biara. Me ne wo anni ano , mɛma wo ɛda koro adwuma so akatua anaa? 14 Fa sika a wo nsa aka no na . Ɛfiri me mu na meretua wɔn a wɔbaa kane ne wɔn a wɔbaa akyire no nyinaa ka . 15 Mmara bi si me ho ɛkwan mede me sika deɛ mepɛ? Anaasɛ mʼayamyɛ enti na wʼani abere yi?

16 "Asɛm a Yesu ka de wieeɛ ne , Saa ara na wɔn a wɔdi akyire no bɛdi ɛkan, na wɔn a wɔdi ɛkan no nso bɛdi akyire.’ "

Yesu Hyɛ Ne Owuo Ho Nkɔm Bio

17 Yesu siim ɔrekɔ Yerusalem no, ɔde nʼasuafoɔ no kaa ne ho. 18 Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafoɔ no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn , "Yɛrekɔ Yerusalem. Wɔbɛyi me ama asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ. 19 Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asɛnnua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afiri awufoɔ mu."

Maame Bi Abisadeɛ

20 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn maame baa Yesu nkyɛn. Ɔbaa yi de adesrɛdeɛ bi bɛtoo Yesu anim.

21 Yesu bisaa no , "Ɛdeɛn na wopɛ menyɛ mma woɔ?"

Ɔbuaa no , "Mepɛ , wokɔ wʼahennie mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so."

22 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no , "Wonnim deɛ worebisa no." Afei, ɔdanee ne ho bisaa Yakobo ne Yohane , "Mobɛtumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi anaa?"

Wɔbuaa no , "Yɛbɛtumi!"

23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Me kuruwa ano deɛ, mobɛtumi anom, nanso menni tumi meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no ma wɔn a mʼagya ayi wɔn no."

24 Asuafoɔ edu a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane akɔbisa no, wɔn bo fuiɛ. 25 Yesu frɛɛ wɔn nyinaa ka kyerɛɛ wɔn , "Monim ahene ne atumfoɔ di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so. Saa ara nso na wɔn a wɔdi wɔn so no nso di afoforɔ so. 26 Nanso, mo deɛ, ɛnte saa mo mu. Mmom, obiara a ɔpɛ ɔyɛ kɛse mo mu no, ɛsɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ. 27 Obiara a ɔpɛ ɔyɛ ɔkannifoɔ mo mu no, ɔnyɛ mo akoa. 28 Onipa Ba no amma wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomoeɛ, na ɔde ne ɔkra too agyedeɛ maa nnipa nyinaa."

Anifirafoɔ Baanu Hunu Adeɛ

29 Yesu ne nʼasuafoɔ firi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. 30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifirafoɔ baanu bi teteɛ. Anifirafoɔ yi tee Yesu retwam no, wɔteateaam , "Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!"

31 Nnipadɔm a wɔdi Yesu akyi no teateaa wɔn wɔmmua wɔn ano. Nanso, anifirafoɔ no kɔɔ so teateaam , "Awurade, Dawid Ba, hunu yɛn mmɔbɔ!"

32 Yesu duruu deɛ wɔteteɛ no, ɔgyina, bisaa wɔn , "Ɛdeɛn na mopɛ meyɛ ma mo?"

33 Wɔka kyerɛɛ no , "Awurade, yɛpɛ yɛhunu adeɛ!"

34 Anifirafoɔ no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko , wɔhunuu adeɛ, na wɔdii nʼakyi.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-