Publicidade

Mateus 19

Awaregyaeɛ

1 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔkɔɔ Galilea. Ɔfiri Galilea no, ɔtwaa Asubɔnten Yordan baa Yudea. 2 Nnipadɔm tu dii nʼakyi, ma ɔsaa wɔn yadeɛ.

3 Farisifoɔ bi ba bɛbisaa no nsɛm bi pɛɛ wɔnam wɔn nsɛmmisa no so ma ɔka asɛm bi a ɛde no bɛkɔ sɔhwɛ mu. Wɔbisaa no , "Wopene awaregyaeɛ so anaa?"

4 Yesu nso bisaa wɔn , "Gyama monkenkan Atwerɛ Kronkron no? Wɔatwerɛ mu , Mfitiaseɛ no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa! 5 Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no. 6 Na wɔn baanu no abɛyɛ ɔhonam korɔ. Enti, deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ onipa tete mu."

7 Farisifoɔ no kɔɔ so bisaa no , "Adɛn enti na Mose kaa , ɔbarima bi ɔgyaa ne yere a ɔtumi twerɛ no krataa kɛkɛ, de gyaa no?"

8 Yesu buaa wɔn , "Esiane na mo akoma apirim no enti na Mose maa awaregyaeɛ ho kwan, na ɛnyɛ adeɛ a Onyankopɔn hyehyɛeɛ. 9 Na mereka akyerɛ mo , obiara a ɔbɛgyaa ne yere, a ɛnyɛ ɔbaa no abɔ adwaman, na ɔbɛsane aware ɔbaa foforɔ no asɛe awadeɛ."

10 Yesu asuafoɔ no kaa , "saa na ɛte deɛ a, na ɛnsɛ obiara ware."

11 Yesu buaa wɔn , "Ɛnyɛ obiara na ɔbɛtumi agye asɛm yi atom, agye wɔn a Onyankopɔn hyɛ wɔn den no nko ara. 12 Nnipa bi a wɔnni mmarimayɛ mu ahoɔden firi awoɔ mu, ebinom nso nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahennie no enti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so."

Yesu Hyira Mmɔfra Nkumaa

13 Wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn. Nanso, asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no anim.

14 Yesu kaa , "Momma mmɔfra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Ɔsoro Ahennie wɔn dea." 15 Na ɔde ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn ansa na ɔrefiri akɔ.

Aberanteɛ Sikani No

16 Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?"

17 Yesu buaa no , "Adɛn enti na wobisa me deɛ ɛyɛ papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ papa. wopɛ wokɔ nkwa mu deɛ a, di mmaransɛm no so."

18 Aberanteɛ no nso bisaa no , "Mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he?"

Yesu buaa no , "Nni awu. Nsɛe awadeɛ. Mmɔ korɔno. Nni atorɔ. 19 Di wʼagya ne wo maame ni, na wo yɔnko wo ho!"

20 Aberanteɛ no nso kaa , "Medi yeinom nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Afei, menyɛ ɛdeɛn?"

21 Yesu ka kyerɛɛ no , "wopɛ woyɛ a, na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika a wobɛnya afiri mu no ma ahiafoɔ. Ɛno ansa na wobɛnya ademudeɛ ɔsoro. Afei bɛdi mʼakyi."

22 Esiane na saa aberanteɛ yi ahonyadeɛ bebree enti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no maa ɔde awerɛhoɔ firii kɔeɛ.

23 Afei, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Ɛyɛ den ma osikani ɔbɛkɔ Ɔsoro Ahennie no mu. 24 Meka meti mu bio , ɛyɛ mmerɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu!"

25 Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn nnaa. Wɔbisaa , "Na ɛnneɛ hwan na ewiase ha wɔbɛgye no nkwa?"

26 Yesu hwɛɛ wɔn buaa , "Onipa fa mu deɛ, ɛyɛ den; na Onyankopɔn fa mu deɛ, ɛyɛ mmerɛ."

Ahopakyire

27 Petro nso kaa , "Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyiri; na ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya afiri wʼakyiridie no mu?"

28 Yesu buaa , "Me, Agyenkwa no, metena mʼanimuonyam ahennwa no so a, nokorɛm mo mʼasuafoɔ yi nso bɛtena ahennwa dumienu no so na moabu Israel mmusuakuo dumienu no atɛn. 29 Na obiara a ɔbɛgya ne efie, ne nuammarimanom, ne nuammaanom, nʼagya, ne maame, ne yere, ne mma anaa nʼagyapadeɛ abɛdi mʼakyi no, ɔbɛnya no ɛho mmɔho ɔha, na wanya nkwa a ɛnni awieeɛ nso. 30 Na wɔn a wɔdi ɛkan no mu pii bɛdi akyire, na wɔn a wɔdi akyire no nso mu bi abɛdi ɛkan."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-