Publicidade

Jeremias 32

Yeremia Asase

1 Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia Yudahene Sedekia adedie afe a ɛtɔ so edu a na ɛyɛ Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe. 2 Na Babiloniahene akodɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifoɔ Yeremia nso da dua mu awɛmfoɔ adihɔ a ɛwɔ Yuda ahemfie.

3 Na Yudahene Sedekia de no ato afiase na ɔrebisa no adɛn enti na wohyɛ nkɔm , "Deɛ Awurade seɛ nie: Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. 4 Yudahene Sedekia renya ɛkwan nnwane mfiri Babiloniafoɔ nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahunu no. 5 Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi me ne no bɛdi, Awurade na ɔseɛ. woko tia Babiloniafoɔ no a worenni nkonim.’ "

6 Yeremia kaa , "Awurade asɛm baa me nkyɛn , 7 Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka , mʼasase a ɛwɔ Anatot32.7 Anatot—Yeremia kurom. no, ɛfiri woyɛ me busuani nimpɔn na wowɔ ho ɛkwan, na ɛyɛ wʼasɛdeɛ nso wotɔ.

8 "Na sɛdeɛ Awurade aka no me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfoɔ adihɔ bɛkaa , mʼasase a ɛwɔ Anatot Benyamin mantam mu no. Esiane wowɔ ho ɛkwan wogyeɛ na wofa no enti, na fa.

"Mehunuu yei Awurade asɛm." 9 Enti, metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no firii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na metuaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron ɛnan (194) maa no. 10 Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase, sɔɔ ano32.10 sɔɔ ano—Ɛnyɛ sɛ ɔde nsa bɛhyɛ aseɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ nko, na mmom, sɛdeɛ wɔbɛhyɛ nhyehyɛeɛ no mu nsɛm no mu den na amma obiara antumi ansakra mu. adansefoɔ anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔ no. 11 Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso, 12 na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk32.12 Baruk—Aseɛ ne "Awurade ahyira no." Na ɔyɛ Yeremia twerɛfoɔ nokwafoɔ. a, ɔyɛ Maaseia nana no me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ no nyinaa anim.

13 "Meka kyerɛɛ Baruk wɔn nyinaa anim , 14 Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie, Fa saa adetɔ so nwoma yi, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ wɔnnsɔɔ ano, na fa gu dɔteɛ asuhina mu, sɛdeɛ ɛbɛkyɛre yie.32.14 fa to asuhina mu sɛdeɛ ɛbɛkyɛre yie—Krataa a wɔhunuu no asuhina mu wɔ Ɛlefantin ne Kumram (nkuro a ɛdeda Nkyene Po atɔeɛ fam) no dii mfeɛ 2,000 ne akyire a ɛho anka. 15 Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, no seɛ nie: Wɔbɛtotɔ afie, mfuo ne bobe nturo asase yi so bio.

16 "Mede adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk. Akyire no, mebɔɔ Awurade mpaeɛ ,

17 "Ao, Otumfoɔ Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woatene muo so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. 18 Woyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi srɛ so. Ao, Onyankopɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade, 19 wo botaeɛ so, na wo nneyɛeɛ kɛseɛ. Wʼaniwa hunu nnipa akwan nyinaa; na wotua obiara ka sɛdeɛ nʼabrabɔ ne ne nneyɛeɛ teɛ. 20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ Misraim na atoa so de abɛsi ɛnnɛ Israel ne adasamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de bɛsi ɛnnɛ. 21 Wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, nsa a ɛyɛ den ne abasa a watene mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo ɔman Israel firii Misraim. 22 Wode asase a wokaa ho ntam wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so. 23 Wɔba bɛfaeɛ, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ deɛ wohyɛɛ wɔn wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.

24 "Hwɛ sɛdeɛ wɔasisi ntuano mpampim de rebɛgye kuropɔn no. Esiane akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm enti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ ne so no nsa. Deɛ wokaeɛ no aba mu sɛdeɛ wohunu no seesei no. 25 Na ɛwom wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ nsa deɛ, nanso wo, Ao, Otumfoɔ Awurade, ka kyerɛ me , Fa dwetɛ asase na ma adansefoɔ mmra ɛho nhyehyɛeɛ no mu.’ "

26 Ɛna Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn , 27 "Mene Awurade adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi den dodo ma me anaa? 28 Enti, deɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafoɔ ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29 Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba mu, na wɔato mu ogya; wɔbɛhye no dworobɛɛ, ɛno ne afie a nnipa hyee nnuhwam atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo.

30 "Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyɛɛ biribiara bɔne mʼani so, ɛfiri wɔn mmabunu berɛ mu; ampa ara Israelfoɔ nnyɛɛ biribiara wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuo, Awurade na ɔseɛ. 31 Ɛfiri da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de bɛsi ɛnnɛ, wahyɛ me abufuo ne abufutrasoɔ a ɛsɛ anka meyi no firi mʼani so. 32 Israelfoɔ ne Yudafoɔ de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuo, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne adiyifoɔ, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33 Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ. 34 Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ efie a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35 Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne.

36 "Woreka kuropɔn yi ho , Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa; nanso yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: 37 Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mefiri mʼabufuhyeɛ mu pamoo wɔn kɔguiɛ ; mɛsane de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38 Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn. 39 Na mɛma wɔn akoma korɔ na wɔayɛ wɔn adeɛ abɔ mu, sɛdeɛ, ɛberɛ biara wɔbɛsuro me wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiedie enti. 40 Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da. 41 Mʼani bɛgye mɛyɛ wɔn yie, na ampa ara mede mʼakoma ne me kra nyinaa bɛdua wɔn asase yi so.

42 "Yei ne deɛ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho no bɛma wɔn. 43 Wɔbɛtotɔ nsase bio ha, deɛ moka ho , Wɔde ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, ɛno enti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so.44 Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nwoma so. Wɔbɛsɔ ano adansefoɔ anim Benyamin mantam, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia, nkuro a ɛwɔ Yuda, bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam mmepɔ ase ne Negeb, ɛfiri , mɛsane de wɔn ahonyadeɛ ama wɔn, Awurade na ɔseɛ."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-