Publicidade

Lucas 18

Mpaeɛbɔ Ho Ɛbɛ

1 Ɛda bi Yesu nam abɛbuo so kyerɛɛ nʼasuafoɔ no hia a ɛhia wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba. 2 Yesu kaa , "Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a na ɔnsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. 3 Na ɔbaa kunafoɔ bi te saa kuro yi mu, a ɔne obi asɛm. Daa na saa okunafoɔ yi ɔtemmufoɔ no nkyɛn kɔsrɛ no ɔnni nʼasɛm no mma no.

4 "Mfitiaseɛ no, ɔtemmufoɔ no ammua no. Nanso, akyire no ɔkaa , Ɛwom mensuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara deɛ, 5 nanso ɛsiane daa ɔbaa yi ha me enti, mɛhwɛ adi asɛm no yie ama no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔremmɛha me bio!’ "

6 Awurade toaa so , "Moate asɛm a ɔtemmufoɔ yi a ɔntene no kaeɛ. 7 Monnnye nni Onyankopɔn bɛdi ama ne mma a daa wɔsu frɛ no awia ne anadwo no no anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase? 8 Merema moate aseɛ , ɔbɛyɛ wɔn apɛdeɛ ama wɔn ntɛm. Onipa Ba no sane ba a, nnipa dodoɔ ahe na ɔbɛhunu wɔwɔ ne mu gyidie?"

Farisini Ne Ɔtogyeni No

9 Yesu sane buu ɛbɛ bi faa nnipa a wɔbu wɔn ho ateneneefoɔ na ɛno enti wɔbu afoforɔ animtia no ho , 10 "Ɛda bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Na wɔn mu baako Farisini a ɔbu ne ho, na ɔbaako no nso ɔtogyeni. 11 Farisini yi kɔgyinaa baabi a obiara bɛhunu no bɔɔ mpaeɛ , Onyankopɔn, meda wo ase mente nnipa a aka no te apoobɔfoɔ nkontompofoɔ, adwamanfoɔ ne saa ɔtogyeni a ɔgyina yi. 12 Nnawɔtwe biara mu, medi mmuada mprenu na deɛ menya biara nso, meyi mu nkyɛmu edu mu baako de ma.

13 "Saa ɛberɛ no na ɔtogyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ , Onyankopɔn, hunu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!

14 "Mereka akyerɛ mo , deɛ ɔtogyeni no yɛeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani sene deɛ Farisini no yɛeɛ no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so."

Yesu Hyira Mmɔfra Nketewa

15 Ɛda bi, awofoɔ bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu ɔmfa ne nsa nka wɔn, nhyira wɔn. Asuafoɔ no hunuu awofoɔ no, wɔkaa wɔn anim. 16 Yesu frɛɛ mmɔfra no awofoɔ no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Momma mmɔfra nketewa no mmra me nkyɛn na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no wɔn dea. 17 Mereka akyerɛ mo , obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu."

Osikani Bi

18 Ɛda bi Yudani sikani bi bisaa Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?"

19 Yesu buaa no , "Adɛn enti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 20 Wonim Mose mmara no: Mmɔ adwaman! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di wʼagya ne wo maame ni!’ "

21 Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu , "Madi saa mmara yi nyinaa so firi me mmɔfraase."

22 Yesu tee deɛ osikani no kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no , "Adeɛ baako na aka wo a ɛsɛ woyɛ. na kɔtɔn wʼahodeɛ nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafoɔ na wobɛnya agyapadeɛ Onyankopɔn Ahennie no mu, na afei, bra bɛdi mʼakyi."

23 Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no koraa ɛfiri , na ɔwɔ ahodeɛ pii. 24 Yesu hunuu ne werɛ ahoɔ no, ɔkaa , "Ɛyɛ den ma ahonyafoɔ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu! 25 Mereka akyerɛ mo , ɛyɛ mmerɛ yoma bɛwura paneɛ aniwa mu sene ɔhonyafoɔ bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu."

26 Na wɔn a wɔtee deɛ Yesu kaeɛ no bisaa , "Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?"

27 Yesu buaa , "Biribiara nni a Onyankopɔn ntumi nyɛ."

28 Petro ka kyerɛɛ Yesu , "Yɛagya deɛ yɛwɔ nyinaa abɛdi wʼakyi."

29 Yesu buaa Petro , "Merema mo ate aseɛ , obiara nni a, ɛsiane Onyankopɔn Ahennie no enti, wagya ne fie anaa ne nuanom anaa nʼawofoɔ anaa ne mma 30 na ɔrennya mma ɛmmoro deɛ wahwere no so saa ɛberɛ yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a ɛnni awieeɛ."

Yesu Sane Hyɛ Ne Wuo Ho Nkɔm

31 Yesu frɛɛ asuafoɔ dumienu no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn , "Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfoɔ no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. 32 Wɔbɛyi no ama amanamanmufoɔ ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasuo agu ne so, 33 aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre."

34 Asuafoɔ no ante deɛ Yesu kaaeɛ no biara ase, ɛfiri , na asɛm no boro wɔn adwene so.

Onifirani Bi Ayaresa

35 Yesu ne nʼasuafoɔ no rebɛn Yeriko no, wɔhunuu onifirani bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. 36 Onifirani no tee nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa asɛm a asi. 37 Wɔka kyerɛɛ no , "Yesu Nasareni no na ɔretwam!"

38 Ɔtee saa no, ɔteateam , "Yesu, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!"

39 Wɔn a wɔdi anim no trantram no ɔmmua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teateaam dendeenden , "Yesu Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ!"

40 Yesu duruu baabi a onifirani no te no, ɔmaa wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duruu Yesu nkyɛn no, ɔbisaa no , 41 "Ɛdeɛn na wopɛ meyɛ ma wo?"

Onifirani no buaa , "Awurade, ma menhunu adeɛ."

42 Yesu ka kyerɛɛ no , "Hunu adeɛ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den." 43 Amonom ara, onifirani yi hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wɔhunuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-