Publicidade

2 Pedro 3

Awurade Mmaeɛ A Ɔbɛba Bio

1 Adɔfonom, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a matwerɛ abrɛ mo. Metwerɛɛ mede rebɛkae mo, de akanyane mo adwene. 2 Mepɛ mokae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no kaa mmerɛ bi a atwam no ne mmara a ɛfiri Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafoɔ so maa mo no.

3 Deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ mote aseɛ nna a ɛdi akyire no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ɛbɛdi wɔn so. Wɔbɛdi mo ho 4 aka , "Ɔhyɛɛ mo ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dada, nanso biribiara te deɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ!" 5 Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ firi nokorɛ no , ɛfiri tete no, Onyankopɔn kasaeɛ na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Wɔbɔɔ asase firi nsuo mu na wɔde nsuo na ɛyɛeɛ. 6 Akyire no wɔde nsuyire bɛsɛee no. 7 Nanso, Onyankopɔn ahyɛ ɔsoro ne asase ntena nkɔsi Atemmuo da. Afei wɔbɛsɔ emu ogya na wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ.

8 Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mfiri adeɛ baako Awurade ani so deɛ, nsonsonoeɛ nni da koro ne mfeɛ apem ntam. Ne fam deɛ, ne mmienu nyinaa . 9 Awurade ntwentwɛn ne nan ase ne a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri , ɔmpɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ obiara sakra firi ne bɔne ho.

10 Na Awurade da no bɛba owifoɔ. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na ewiem nneɛma bɛhye na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.

11 saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa asɛe adeɛ nyinaa a, na ɛdeɛn bra na ɛsɛ wobɔ? Ɛsɛ mo bra kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. 12 Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu ogya na ewiem nneɛma anane na ayera ogyaframa mu no. 13 Nanso, yɛtwɛn deɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho no, ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a ɛhɔ na tenenee bɛtena.

14 Enti, anuanom, mogu so retwɛn da no yi, mommɔ mmɔden mobɛyɛ kronn a mfomsoɔ biara nni mo ho Onyankopɔn anim na mo ne no atena asomdwoeɛ mu. 15 Monkae nhunu Awurade boasetɔ ɛfiri ɔpɛ obiara nya nkwagyeɛ. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so twerɛɛ mo no. 16 Saa ɛkwan korɔ no ara so na ɔfa twerɛɛ ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ɔgyina twerɛeɛ. Nsɛm bi a ɛyɛ den ne nkrataa no mu no, wɔn a wɔnnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ aseɛ yie. Saa ara na wɔyɛ Atwerɛsɛm a aka no de ɔsɛeɛ ba wɔn so.

17 Nanso anuanom, mo deɛ monim yei dada. Monwɛn na wɔn a wɔnni mmara so annaadaa mo amfiri beaeɛ pa. 18 Monyini yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu.

Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.

Veja também

Publicidade
2 Pedro
Ver todos os capítulos de 2 Pedro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-