Publicidade

Habacuque 2

1 Mɛgyina mʼahwɛeɛ na mawɛn.

Mɛbɔ nsra

na mahwɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ me,

ne mʼanoyie a mede bɛma nkurobɔ yi.

Awurade Mmuaeɛ Foforɔ

2 Afei, Awurade buaa ,

"Twerɛ adiyie yi abopono so

ma emu nna pefee

ama ɔkenkanfoɔ ate aseɛ.

3 Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi;

ɛka awieeɛ ho asɛm

na ɛbɛba mu.

Ɛwom ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn,

ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu.

4 "Hwɛ, wama ne ho so;

nʼapɛdeɛ ntene,

nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.

5 Nokorɛm, nsã ayi no ama

wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ.

Esiane ɔyɛ adifudepɛ damena

na ɔte owuo a hwee mmee no enti

ɔfom aman no nyinaa

na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum.

6 "Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho asere no aka ,

" Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano,

na ɔnam apoobɔ so nya ne ho!

Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?

7 Wɔn a wode wɔn ka no bɛsɔre mpofirim so.

Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo

na wɔbɛtwi afa wo so.

8 Esiane woafo aman bebree enti,

wɔn a wɔaka no bɛfo wo bi.

Ɛfiri woahwie nnipa mogya agu;

woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.

9 "Nnome nka deɛ ɔde korɔnodeɛ kyekyere ne ɔman,

a ɔyɛ ne pirebuo sorɔnsorɔmmea,

sɛdeɛ ɔbɛyi ne ho afiri ɔsɛeɛ mu.

10 Woatu nnipa bebree sɛeɛ ho agyina,

de agu wo fie anim ase, na wode wo nkwa atwa so.

11 Aboɔ a ɛhyehyɛ afie afasuo mu no bɛteam

na ɛbɛgyegye mpunan a wɔahyehyɛ no mu.

12 "Nnome nka deɛ ɔnam mogya hwieguo so kyekyere kuropɔn

na ɔnam awudie so kyekyere kuro.

13 Asafo Awurade ahyɛ ,

nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhye.

Aman no brɛ gu kwa. 14 Na Awurade animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma,

sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no.

15 "Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã,

Wohwie ma wɔnom kɔsi wɔbɛboro,

na afei woahwɛ wɔn adagya.

16 Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu.

Afei aduru wo so. Nom na ntintan.

Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so,

Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so

17 Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo,

ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu.

Woaka nnipa mogya agu;

woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.

18 "Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu?

Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ?

Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so;

na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa.

19 Nnome nka deɛ ɔka kyerɛ dua , Nya nkwa!

Anaa ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnni nkwa , Nyane!

Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ?

Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho;

nanso ahomeɛ nni mu."

20 Nanso Awurade nʼasɔrefie kronkron mu.

Momma asase nyinaa nyɛ komm nʼanim.

Veja também

Publicidade
Habacuque
Ver todos os capítulos de Habacuque
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-