Publicidade

Lucas 14

Yesu Sa Yadeɛ Homeda

1 Homeda bi, Farisini panin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidie no ase no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ deɛ Yesu bɛyɛ. 2 Na ɔbarima bi a ɔyare ahonhono. 3 Yesu bisaa Farisifoɔ no ne mmaranimfoɔ a na wɔwɔ no , "Mmara ma ho kwan wɔsa yadeɛ homeda anaa?" 4 Wɔammua no. Enti, Yesu sɔɔ ɔyarefoɔ no mu saa no yadeɛ, gyaa no kwan.

5 Yesu bisaa wɔn a wɔahyia no nyinaa , "Mo mu hwan na nʼafunumu abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?" 6 Nanso, wɔantumi ammua no.

7 Afei, Yesu hunuu , nnipa a wɔfrɛɛ wɔn adidi no ase no mu biara pɛɛ ɔtena mpanin tenabea no, ɔbuu wɔn bi , 8 "obi to nsa frɛ wo apontoɔ ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanin tenabea, ɛfiri , ebia na wato nsa afrɛ onipa titire bi a ɔsene wo. 9 ɛba saa a, deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo no bɛtu wo afiri akonnwa a wote so no so de ama deɛ ɔsene wo no na wode aniwuo akɔtena akyire baabi. 10 Enti, obi hyia wo apontoɔ ase a, kɔtena akyire baabi na deɛ ɔhyiaa wo no bɛhunu wo a, waka akyerɛ wo , Onua, sɔre na kɔtena mpanin tenabea. 11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so."

12 Afei, Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no , "woto ɛpono a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafoɔ ne asikafoɔ a wo ne wɔn fipam nko ara; woyɛ saa a, wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a, na wonyɛɛ hwee. 13 Na woto ɛpono a, hyia ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ. 14 Esiane wɔntumi nyɛ saa bi mma wo no enti, ɛda a ateneneefoɔ bɛsɔre afiri awufoɔ mu no, Onyankopɔn bɛhyira wo."

Apontoɔ Kɛseɛ Bi Ho Ɛbɛ

15 Wɔn a wɔte adidiiɛ no mu baako tee deɛ Yesu kaeɛ no, ɔkaa , "Nhyira nka deɛ ɔbɛdidi Onyankopɔn Ahennie no mu."

16 Yesu buaa no , "Ɛda bi ɔbarima bi too ɛpono kɛseɛ hyiaa nnipa bebree. 17 Adidi berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne ɔsomfoɔ bi ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no wɔmmra.

18 "Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho wɔn ho ano. Deɛ ɔdi ɛkan no yii ne ho ano , Matɔ asase a ɛnnɛ na ɛsɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no merentumi mma.

19 "Na ɔfoforɔ nso yii ne ho ano , Matɔ anantwie edu a mede wɔn bɛyɛ mʼafuo a ɛnnɛ na ɛsɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no merentumi mma.

20 "Ɔfoforɔ bi nso yii ne ho ano , Afei na maware, enti merentumi mma.

21 "Ɔsomfoɔ no sane bɛbɔɔ ne wura no amaneɛ no, ɔde abufuo somaa no bio , Ka wo ho mmɔntene so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, anifirafoɔ ne mpakye wɔmmra.

22 "Ɔsomfoɔ no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no baeɛ, nanso na afa da so ara.

23 "Ɛno enti, owura no sane somaa no , akwan so ne mfikyire na frɛ obiara a wobɛhunu no no , mato ɛpono, enti wɔmmra. 24 Na merema woate aseɛ , nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni a mʼaduane yi bi bɛka nʼano da biara da.’ "

Yesu Akyiridie

25 Ɛda bi a na nkurɔfoɔ akuakuo bi di Yesu akyi no, ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn , 26 "obi ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani. 27 Obiara a ɔdi mʼakyi na ɔntumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.

28 "Mo mu hwan na ɔpɛ ɔsi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ ɔwɔ sika a ɔde bɛwie? 29 Anyɛ saa na ɔhyɛ ɛdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu no nyinaa bɛsere no, 30 aka , Onipa yi hyɛɛ aseɛ ɔresi ɛdan, nanso wantumi anwie.

31 "Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔkura asraafoɔ ɔpedu na ɔrekɔhyia ɔsahene foforɔ a ɔkura asraafoɔ ɔpeduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono? 32 Na ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforɔ no bɛbɛn no no, ɔtu abɔfoɔ kɔhunu no , ɔmma wɔnsiesie wɔn ntam na asomdwoeɛ mmra. 33 Ɛno enti, obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.

34 "Nkyene . Na ɛyera ne a, ɛkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ bio? 35 Ɛho nni mfasoɔ mma biribiara. Wɔbɛto agu.

"Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ɔntie."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-