Pular para o conteúdo
Publicidade

Luka 20

Yesu Tumi Ho Nsɛmmisa

1 Ɛda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ asɔredan mu no, asɔfoɔ mpanin, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanin kɔbisaa no , 2 "Tumi bɛn na wowɔ a wode saa nneɛma yi; na hwan nso na ɔmaa wo saa tumi no?"

3 Yesu buaa wɔn , "Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me. 4 Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?"

5 Wɔfaa ho adwene kaa , "yɛka , ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn , ɛnneɛ, adɛn enti na moannye no anni?6 nso yɛka , ɛfiri onipa a, ɔman mu no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri , wɔnim Yohane odiyifoɔ."

7 Ɛwiee aseɛ no, wɔbuaeɛ , "Yɛnnim."

8 Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn , "Ɛnneɛ me nso meremma mo mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ."

Apaafoɔ Bi

9 Yesu buu wɔn ɛbɛ bi , "Ɔbarima bi yɛɛ bobefuo de hyɛɛ apaafoɔ bi nsa wɔnhwɛ so mma no. Yei akyi ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri baabi, kɔtenaa kyɛree. 10 Bobeteɛ berɛ duruiɛ no, ɔbarima yi somaa ne ɔsomfoɔ ɔnkɔgye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso, apaafoɔ no boroo no, ma ɔsane kɔɔ nsapan. 11 Ɔsomaa ɔsomfoɔ foforɔ maa ɔno nso wɔboroo no, bɔɔ no adapaa, ma ɔkɔɔ nsapan. 12 Ɔsane somaa ɔsomfoɔ foforɔ na ɔno mpo deɛ, wɔpirapiraa no pamoo no.

13 "Yei maa bobefuo wura no kaa , Ɛdeɛn na menyɛ bio? Mɛsoma me ba a medɔ no no akɔ wɔn nkyɛn na ɔno deɛ ebia, wɔbɛfɛre no.

14 "Nanso, ɛberɛ a apaafoɔ no hunuu no no, wɔkaa , Ɔdedifoɔ no nie, momma yɛnkum no na yɛmfa nʼagyapadeɛ no. 15 Wɔtwee no firii afuo no mu kɔkumm no.

"Mogye di ɛdeɛn na afuowura no bɛyɛ saa apaafoɔ yi? 16 Ɔbɛba abɛkum saa apaafoɔ yi na ɔde afuo no ama afoforɔ."

Nnipa a wɔretie Yesu no kaa , "Ɛmpare yɛn!"

17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn , "Ɛnneɛ na deɛ wɔatwerɛ ,

" Ɛboɔ a adansifoɔ apo no,

ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔno aseɛ ne sɛn?

18 Obiara a ɔbɛhwe ɛboɔ no so no, ɔbɛbubu na deɛ ɛboɔ no bɛhwe ne so no, ɛbɛpɛkyɛ no."

19 Esiane Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanin no hunuu Yesu buu ɛbɛ no tiaa wɔn enti, wɔhwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere no saa ɛberɛ no ara mu, nanso ɛsiane nnipa a na wɔwɔ no enti, na wɔsuro.

Ɛtoɔ Gyeɛ Ho Asɛmmisa

20 Esiane ɔpɛ ara na na nnipa no wɔkyere Yesu enti, wɔtetɛɛ no maa nnipa bi kɔɔ ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nʼanom asɛm bi agyina so akyere no na wɔde no akɔ aban mu. 21 Saa nnipa yi bisaa Yesu , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim woyɛ ɔnokwafoɔ, wonyɛ nyiyimu na wokyerɛ nokorɛ kwan a wɔnam so Onyankopɔn nkyɛn. 22 Enti, ɛyɛ yɛtua toɔ ma Kaesare aban anaasɛ ɛnyɛ?"20.22 Sɛ wɔpene sɛ wɔntua toɔ mma Kaesare a na wɔadi nnipa no hwammɔ. Sɛ wɔka sɛ wɔntua nso a, ɛbɛha Roma aban mu mpanimfoɔ. Nsɛmmisafoɔ no bisaa Yesu asɛm yi de sum no afidie.

23 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn , 24 "Momma me sika. Hwan mfoni ne din na ɛwɔ so yi?"

Wɔbuaa no , "Ɛyɛ Kaesare dea."

25 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn."

26 Yesu mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no yɛɛ wɔn nwanwa na wɔn adwemmɔne no nso kaa wɔn tirim.

Owusɔreɛ Ho Asɛmmisa

27 Sadukifoɔ bi a wɔnnye owusɔreɛ nni baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no , 28 "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose mmara no kyerɛ yɛn , ɔbarima bi yere na ɔne no anwo na ɔwu a, ne nua tumi ware no ne no wo mma ma owufoɔ no. 29 Anuanom baason bi tenaa ase. Ɔpanin a ɔwɔ mu no waree ɔbaa a ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 30 Ne nua a ɔdi nʼakyi no, waree no nanso ɔne no anwo na ɔwuiɛ. 31 Anuanom a wɔaka no nyinaa nso waree no a obiara ne no anwo, na wɔwuwuiɛ. 32 Akyire no, ɔbaa no nso wuiɛ. 33 Yɛn asɛmmisa ne , ɛsiane ɔbaa yi waree anuanom yi nyinaa enti, owusɔreɛ da no, wɔn mu hwan na ɔbaa yi bɛyɛ ne yere?"

34 Yesu buaa , "Asase yi so na nnipa dwene awadeɛ ho. 35 Na wɔn a owusɔreɛ da no wɔbɛnya kwan akɔ Onyankopɔn Ahennie no mu deɛ, awadeɛ ho renhia wɔn. 36 Na owuo nso nni mma wɔn bio, ɛfiri , wɔbɛyɛ ɔsoro abɔfoɔ. Esiane wɔasɔre afiri awufoɔ mu no enti, wɔyɛ Onyankopɔn mma. 37 Afei, mo asɛmmisa a ɛfa owusɔreɛ ho no nso, Mose ma yɛhunuu no pefee , owusɔreɛ . Ɛfiri , nʼasɛm a ɔtwerɛ faa wira a na ɛrederɛ no ho no ɔbɔɔ Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn din. 38 Yei kyerɛ , Onyankopɔn ateasefoɔ Onyankopɔn na ɔnyɛ awufoɔ Onyankopɔn, ɛfiri , obiara a ɔde ne ho to Onyankopɔn so no, ɔwu mpo a, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ."

39 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi kaa , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, woabua no yie." 40 Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.

Hwan Ba Ne Kristo No?

41 Yesu bisaa wɔn , "Adɛn enti na wɔka Kristo no Dawid ba?" 42 Ɛfiri Dawid ka ne Nnwom no mu ,

"Awurade ka kyerɛɛ me wura .

Tena me nifa so

43 kɔsi mɛma woadi wʼatamfoɔ so nkonim.

44 Dawid frɛ Kristo no Me wuraa, ɛyɛ dɛn na Kristo no ayɛ ne ba?"

Atwerɛsɛm No Akyerɛkyerɛfoɔ No Suban

45 Ɛberɛ a nnipa no retie no no, Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , 46 "Monhwɛ mo ho so yie Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ho. Ɛberɛ biara wɔpɛ wɔhyɛ ntadeɛ pa, hwehwɛ nnipa hu wɔn badwa mu a, wɔde obuo kyea wɔn, na wɔkɔ asɔredan mu nso a, wɔtena mpanin tenabea. Saa ara nso na wɔkɔ apontoɔ ase a, wɔtena mpanin tenabea. 47 Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu duru."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também