Publicidade

Marcos 10

Awaregyaeɛ Ho Asɛmmisa

1 Afei, Yesu firii Galilea twa baa Yudea fam no Asubɔnten Yordan agya. Nnipakuo baa ne nkyɛn, na sɛdeɛ ɔtaa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

2 Farisifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no , "Wopene awaregyaeɛ so anaa?" Wɔbisaa no yei de sɔɔ no hwɛɛ.

3 Yesu nso bisaa wɔn , "Ɛdeɛn na Mose ka faa awaregyaeɛ ho?"

4 Wɔbuaa , "Mose kaa ɛyɛ wɔgyae awadeɛ. Nʼasɛm a ɔkaeɛ ne , ɔbarima bi ɔgyaa ne yere awadeɛ a, ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa mfa mma ne yere no."

5 Yesu bisaa wɔn , "Adɛn enti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo deɛ enti a ɔkaa saa. Esiane mo akoma a apirim no enti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo. 6 Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa. 7 Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, 8 na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ honam korɔ. 9 Na deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ onipa tete mu."

10 Akyire no a ɔne nʼasuafoɔ no efie no, asuafoɔ no bisaa no saa asɛm korɔ no ara bio. 11 Ɔbuaa wɔn , "obi gyaa ne yere awadeɛ na ɔsane ware obi foforɔ a, na wabɔ adwaman. 12 Na ɔyere gyaa ne kunu awadeɛ, na ɔsane ware a, ɔno nso abɔ adwaman saa ara."

Yesu Hyira Mmɔfra Nkumaa

13 Ɛda bi, awofoɔ bi de mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu ɔnhyira wɔn, nanso nʼasuafoɔ no pampam wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no, ka kyerɛɛ wɔn , wɔnnha no. 14 Yesu hunuu deɛ nʼasuafoɔ no ayɛ no, anyɛ no na ɔka kyerɛɛ wɔn , "Momma mmɔfra no ɛkwan na wɔmmra me nkyɛn, na monnsi wɔn ɛkwan, na yeinom sei na Onyankopɔn Ahennie no wɔn dea. 15 Mereka akyerɛ mo , obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahennie no abɔfra no, ɔrentumi nhyɛne mu." 16 Na ɔyɛɛ wɔn atuu, de ne nsa guu wɔn so, hyiraa wɔn.

Aberanteɛ Sikani No

17 Na ɔsiim ɔrekɔ baabi foforɔ no, ɔbarima bi tutuu mmirika baa ne nkyɛn bɛbuu no nkotodwe, bisaa no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, Ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?"

18 Yesu bisaa no , "Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 19 Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wonim mmaransɛm no: Nni awu, mmɔ adwaman, mmɔ korɔno, nni atorɔ, nsisi, di wʼagya ne wo maame ni."

20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii so."

21 Yesu hwɛɛ aberanteɛ yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no , "Aka wo adeɛ baako. na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro, na bra bɛdi mʼakyi."

22 Aberanteɛ no tee saa asɛm yi no, nʼanim sesaeɛ, na ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ, ɛfiri , na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.

23 Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Ɛyɛ den ma osikani ɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu!"

24 Asɛm a Yesu kaeɛ no maa asuafoɔ no ho dwirii wɔn. Yesu sane kaa bio , "Me mma, moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu? 25 Na ɛyɛ mmerɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu."

26 Asuafoɔ no ho dwiri wɔn mmorosoɔ na wɔbisaa no , "Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?"

27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa , "Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu."

Yesu Akyiridie Mu Akatua

28 Afei, Petro hyɛɛ aseɛ kenkanee nneɛma a ɔne asuafoɔ no agya abɛdi Yesu akyi. Ɔkaa , "Yɛagya biribiara abɛdi wʼakyi."

29 Yesu nso buaa no , "Merema mo ate aseɛ , obi nni a, me enti wagya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maame, agya ne mma anaasɛ agyapadeɛ a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, 30 na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 31 Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi ɛkan."

Yesu Owuo Ne Ne Wusɔreɛ Ho Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

32 Afei, wɔsiim wɔrekɔ Yerusalem a na Yesu di wɔn ɛkan; na ɛberɛ a asuafoɔ no di nʼakyi no, ehu ne suro kaa wɔn. Yesu twee wɔn gyinaa nkyɛn, na ɔsane kaa nneɛma a, wɔduru Yerusalem a, ɛbɛba ne so no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 33 Ɔka kyerɛɛ wɔn , "yɛduru a, wɔbɛyi me, Onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me. 34 Wɔbɛdi me ho fɛw, na wɔatete ntasuo agu me so, na wɔde mpire atwa me mmaa, na wɔakum me, na nnansa so no, masɔre bio."

Yakobo Ne Yohane Abisadeɛ

35 Afei, Sebedeo mma Yakobo ne Yohane baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ woyɛ yɛn adɔeɛ bi."

36 Yesu bisaa wɔn , "Ɛdeɛn na mopɛ meyɛ ma mo?"

37 Wobuaa , "Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wʼahennie mu !"

38 Nanso, Yesu maa wɔn mmuaeɛ , "Monnim deɛ mobisa no! Mobɛtumi anom awerɛhoɔ kuruwa nwononwono a ɛsɛ menom ano no anaa? Anaasɛ, mobɛtumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?"

39 Wɔka kyerɛɛ no , "Yɛbɛtumi!"

Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Mobɛtumi anom me kuruwa ano, na wɔde asubɔ a wɔde me no abɔ mo; 40 nanso menni tumi meyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so no. Onyankopɔn nko ara na ɔde saa afa no bɛma wɔn a wɔasiesie ama wɔn no."

41 Asuafoɔ a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane kɔbisaeɛ no, anyɛ wɔn . 42 Enti, Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn , "Monim ahene ne atumfoɔ a wɔwɔ ewiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so, 43 nanso mo deɛ, ɛnte saa mo ho. Obiara a ɔpɛ ɔyɛ kɛse mo mu no, ɛsɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ. 44 Na obiara a ɔpɛ ɔyɛ ne nuanom so panin no ɛsɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa. 45 Me a meyɛ Onipa Ba no, mamma wɔnsom me na mmom, mebaeɛ merebɛboa afoforɔ, na mede me kra ayɛ mpata ama nnipa pii."

Onifirani Bi Adehunu

46 Yesu ne nʼasuafoɔ no bɛduruu Yeriko. Wɔrefi kuro no mu no, nnipakuo tu dii wɔn akyi. Saa ɛberɛ a Yesu retwa mu no, na onifirani Bartimeo a ne din nkyerɛaseɛ ne "Timoteo ba" no te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. 47 Ɛberɛ a Bartimeo tee Yesu Nasareni na ɔretwam no, ɔhyɛɛ aseɛ teateaam , "Dawid Ba Yesu, hunu me mmɔbɔ!"

48 Nnipa no bi teateaa no , "Mua wʼano!" Nanso ɔkɔɔ so teateaam denden , "Dawid ba, hunu me mmɔbɔ!"

49 Ɛberɛ a Yesu tee ne nne no, ɔgyina kaa , "Momfrɛ no mma me."

Wɔfrɛɛ onifirani no ka kyerɛɛ no , "Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!" 50 Bartimeo to ne ntoma guiɛ, sɔre baa Yesu nkyɛn.

51 Yesu bisaa no , "Ɛdeɛn na wopɛ meyɛ mema wo?"

Onifirani no buaa , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mepɛ mehunu adeɛ!"

52 Yesu ka kyerɛɛ no , ", na wo gyidie agye wo." Na ntɛm ara onifirani no hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-