Publicidade

2 Pedro 3

8 Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mfiri adeɛ baako Awurade ani so deɛ, nsonsonoeɛ nni da koro ne mfeɛ apem ntam. Ne fam deɛ, ne mmienu nyinaa . 9 Awurade ntwentwɛn ne nan ase ne a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri , ɔmpɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ obiara sakra firi ne bɔne ho.

10 Na Awurade da no bɛba owifoɔ. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na ewiem nneɛma bɛhye na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.

11 saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa asɛe adeɛ nyinaa a, na ɛdeɛn bra na ɛsɛ wobɔ? Ɛsɛ mo bra kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. 12 Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu ogya na ewiem nneɛma anane na ayera ogyaframa mu no. 13 Nanso, yɛtwɛn deɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho no, ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a ɛhɔ na tenenee bɛtena.

Veja também

2 Pedro
Ver todos os capítulos de 2 Pedro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-