Publicidade

2 Timóteo 1

8 Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9 Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, 10 na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn.

Veja também

2 Timóteo
Ver todos os capítulos de 2 Timóteo
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-