Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Tesalonikafoɔ 2

Nneɛma A Ɛdi Kristo Mmaeɛ Anim

1 Ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no, mesrɛ mo, anuanom, 2 mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa ɛda a Awurade reba no aduru. Ebia, na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforɔ nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka yɛn nwoma a yɛtwerɛeɛ no bi mu na saa asɛm no . 3 Mommma obiara nnaadaa mo saa ɛkwan yi so. Saa Ɛda no remma da gye atuateɛ a ɛtwa toɔ no aba ama wɔada ɔbɔnefoɔ no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu no adi. 4 Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka ɔno ne Onyankopɔn.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também

2 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 2 Tessalonicenses