Wɔyi Israelfoɔ Baanan Tete Wɔn
1 Yudahene Yehoiakim dii adeɛ ne mfeɛ mmiɛnsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼakodɔm bɛtuaa ɔman no. 2 Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Ɛberɛ a Nebukadnessar resane akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronneɛ bi firii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosomdan mu kɔguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.
3 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼapiafoɔhene Aspenas sɛ, ɔmfa mmeranteɛ no bi a wɔfiri Yuda adehyeɛ abusua mu, ne wɔn a wɔfiri mmusua atitire mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nneduafoɔ no mmra ahemfie hɔ, 4 mmeranteɛ ahoɔdenfoɔ a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhunumu, na wɔadom wɔn osuahunu mu akyɛdeɛ a wɔnim nyansa, na wɔwɔ nnyinasoɔ bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfie hɔ. Kyerɛ mmeranteɛ no Kaldeafoɔ kasa ne ne nwoma. 5 Ɔhene no hyɛɛ sɛ, daa wɔmfa aduane ne nsã a ɛfiri ne didipono so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn mfeɛ mmiɛnsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfoɔ.
6 Mmeranteɛ baanan bi a wɔyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa firi Yuda abusuakuo mu.