Pular para o conteúdo
Publicidade

Daniel 3

Nebukadnessar Sikakɔkɔɔ Ohoni

1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne ɔsorokɔ anammɔn aduɔkron, na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn nkron. Wɔde sii Dura tata so Babiloniaman mu. 2 Afei, ɔtoo nkra kɔmaa ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ , wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no ase. 3 Ɛberɛ a ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ, afotufoɔ, nsanaafoɔ, atemmufoɔ, asɛnnifoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ no bɛhyiaeɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi adi no, wɔbɛgyinagyinaa ohoni no anim.

4 Na wɔbɔɔ dawuro teaam , "Nnipa ahodoɔ ne aman ahodoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa montie deɛ ɔhene ahyɛ monyɛ! 5 mote abɛn, odurugya, sankuo, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, monkoto fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no. 6 Obiara a wankoto fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre mu framfram mu."

7 Enti, ɛberɛ a wɔtee abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, nnipa no nyinaa ne aman ahodoɔ ne wɔn a wɔka kasa ahodoɔ nyinaa kotoo fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi no.

8 Nanso, Kaldeafoɔ no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa Yudafoɔ no , 9 "Nana wo nkwa so! 10 Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfoɔ , obiara te abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ a, ɔnkoto fam, na ɔnsɔre sika ohoni no, 11 na obiara a wantie ankɔto ansɔre ohoni no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛre framfram mu no mu. 12 Nanso, Nana, Yudafoɔ bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtia, na wansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi no."

13 Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuu yie, na ɔhyɛɛ , wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn baeɛ no, 14 Nebukadnessar bisaa wɔn , "Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokorɛ , moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ ohoni a mede asi no? 15 Mɛma mo ɛkwan bio. mote abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, na mokoto fam, na mosɔre ohoni a mayɛ no a, na me ne mo nni asɛm biara. Na mopo a, wɔbɛto mo agu fononoo a ogya redɛre mu no mu prɛko . ɛba saa a, nyame bɛn na ɔbɛtumi agye mo afiri me tumi ase?"

16 Sadrak, Mesak ne Abednego buaa , "Ao, Nana Nebukadnessar, yɛnnye nni ɛho hia yɛyi yɛn ho ano wʼanim. 17 wɔto yɛn gu fononoo a ogya redɛre mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no bɛgye yɛn. Nana, ɔbɛgye yɛn afiri wo tumi ase. 18 Na ɛba wannye yɛn mpo a, Nana nte aseɛ , sɔre deɛ, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi no da biara da."

Wɔde Mmeranteɛ Baasa Gu Ogyadɛreɛ Fononoo Mu

19 Nebukadnessar bo fuu Sadrak, Mesak ne Abednego yie, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ , wɔmma fononoo no ogya no hyeɛ no nnɔ mmɔho nson. 20 Afei, ɔhyɛɛ nʼakodɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ pa ara no bi , wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego, na wɔnto wɔn ngu fononoo no mu ogyadɛreɛ no mu. 21 Enti, wɔkyekyeree saa nkurɔfoɔ yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntadeɛ, wɔn mmotire ne wɔn ntoma papee, too wɔn guu fononoo ogya a ɛrederɛ no mu. 22 Na ɛsiane ɔhene no abufutrasoɔ ne ɔhyɛ a ama fononoo no adɔ hyeehyeehye aborosoɔ no enti, asraafoɔ a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego regu fononoo no mu no wuwuu ogyaframa no ano. 23 Na Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn pampee no hwehwee ogya fononoo a ɛrederɛ no mu.

24 Nebukadnessar gu so rehwɛ no, prɛko , ɔhuri teaam ahodwirie so guu nʼafotufoɔ no so , "Ɛnnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn too wɔn guu fononoo no mu?"

Wɔbuaa , "Aane, Nana, yɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ."

25 Nebukadnessar teaam . "Monhwɛ! Mehunu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn wɔnenam ogya no mu. Egya dɛreɛ no nhyee wɔn. Onipa a ɔtɔ so ɛnan no te anyame ba bi!"

26 Na Nebukadnessar twe bɛnee fononoo a ogya redɛre mu no ɛpono ano, sɛdeɛ ɔbɛtumi, teaam , "Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Onyankopɔn asomfoɔ, momfiri mmra! Mommra ha!"

Ɛno enti, Sadrak, Mesak ne Abednego firii ogya no mu baeɛ. 27 Afei, ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ ne afotufoɔ bɛtwaa wɔn ho hyiaeɛ, na wɔhunuu , ogya no anka wɔn. Wɔn tirinwi mpo ho anka. Na wɔn ntadeɛ anhye. Na wisie mpo mmɔn wɔn ho.

28 Afei, Nebukadnessar kaa , "Ayɛyie nka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn. Ɔsomaa ne ɔbɔfoɔ, ma wɔbɛgyee nʼasomfoɔ a wɔgye no die. Wɔbuu me ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam maeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara gye wɔn Onyankopɔn. 29 Ne saa enti, merehyɛ saa mmara yi ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn ho abususɛm no, ampa ara wɔbɛtwitwa wɔn mu asinasini na wɔadwiri wɔn afie ama adane wira. Onyame biara nni a ɔbɛtumi agye nkwa sɛɛ yi."

30 Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yie Babiloniaman mu.

Veja também