Publicidade

Daniel 7

Mmoa Ɛnan Ho Daeɛso

1 Ɔhene Belsasar adedie afe a ɛdi ɛkan Babilonia mu no, Daniel soo daeɛ, hunuu anisoadehunu ahodoɔ ɛberɛ a ɔda ne mpa so no. Ɔtwerɛɛ daeɛ no mu nsɛm titire too .

2 Daniel kaa , "Mʼanisoadehunu no mu saa anadwo no, mehunuu ɔsoro mframa ɛnan a ɛrebobɔ fa ɛpo kɛseɛ no so. 3 Afei, mmoa akɛseɛ ɛnan bi pue firii ɛpo no mu a wɔn mu biara bɔbea nko.

4 "Na aboa a ɔdi ɛkan no te gyata a ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban. Mehwɛɛ no ara kɔsii wɔtutuu ne ntaban no, na wɔpagyaa no ma ɔgyinaa ne nan mmienu so te onipa. Na wɔmaa no onipa adwen.

5 "Afei, mehunuu aboa a ɔtɔ so mmienu a na ɔte sisire. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfempadeɛ mmiɛnsa hyɛ ne se ntam nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no , Sɔre na we ɛnam a wobɛtumi!

6 "Yei akyi no, mehunuu aboa foforɔ a ɔte ɔsebɔ. Na ɔwɔ ntaban ɛnan a ɛte nnomaa ntaban a ɛtuatua nʼakyi. Saa aboa yi tire ɛnan, na wɔmaa no tumi kɛseɛ.

7 "Yei akyi no, mʼanisoadehunu anadwo no, mehunuu aboa a ɔtɔ so ɛnan a ne ho hu yie, na ne ho den nso. Ɔwɔ se akɛseɛ a ɛyɛ dadeɛ na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn na wawe, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Ɔda nso koraa mmoa nkaeɛ no mu. Na ɔwɔ mmɛn edu.

8 "Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no aniwa te onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.

9 "Megu so rehwɛ no,

"mehunuu , wɔde nhennwa bɛsisii ,

na Deɛ ɔwɔ firi Tete no bɛtenaa ase.

Na nʼatadeɛ fitaa sukyerɛmma;

na ne tirinwi hoa odwan nwi.

Nʼahennwa dɛre ogyaframa

na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram.

10 Na ogya a ɛte asubɔnten

tene firii nʼanim baeɛ.

Abɔfoɔ mpempem kotoo no,

na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.

Abadwafoɔ no tenaa ase,

na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.

11 "Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri , na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu. 12 Mmoa a aka no nso, wɔgyee wɔn tumi firii wɔn nsam, ma wɔtenaa ase kyɛree kakra.

13 "Anadwo a menyaa mʼanisoadehunu no, mehwɛ hunuu obi te onipa ba no a ɔnam ɔsoro omununkum mu reba. Ɔbɛn Deɛ ɔwɔ firi Tete no, wɔdii nʼanim kɔɔ ne nkyɛn. 14 Wɔmaa no tumi, animuonyam ne adehyetumi; na aman ne kasa ahodoɔ nyinaa somm no. Nʼahennie daa ahennie a ɛtoɔ rentwa da. Nʼahemman deɛ ɛrensɛe da."

Wɔkyerɛ Daeɛ No Ase

15 "Me, Daniel, deɛ mehunuiɛ no nyinaa haa me honhom mu, na mʼanisoadehunu no bɔɔ me hu. 16 Enti, mekɔɔ wɔn a wɔgyinagyina no mu baako, kɔbisaa no saa nneɛma no nyinaa ase.

"Ɔkyerɛɛ me aseɛ : 17 Saa mmoa akɛseɛ ɛnan yi gyina ma ahemman ɛnan a wɔbɛsɔre asase so. 18 Nanso, Ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bɛgye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.

19 "Afei, mepɛɛ mehunu aboa a ɔtɔ so ɛnan no a na ɔda nso nkaeɛ no mu no nkyerɛaseɛ. Na ne ho hu yie, na ɔde ne se a ɛyɛ dadeɛ ne nʼabɔwerɛ a ɛyɛ kɔbere no tete mmoa a ɔkyere wɔn no we, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. 20 Afei, mepɛɛ mete mmɛn edu a na ɛtuatua ne tiri ho ne deɛ ɛpuee akyire no ase. Ɛbɛsɛee deɛ na ɛwɔ dada no mu mmiɛnsa, na yei abɛn a ɛdi mu kyɛn nkaeɛ no a na ɛwɔ onipa aniwa ne ano a ɛkasa ahantan so. 21 Mehwɛeɛ no, na saa abɛn yi atu ateneneefoɔ no so sa redi wɔn so nkonim, 22 kɔsii , Deɛ ɔwɔ ho firi Tete no baeɛ, bɛbuu atɛn, maa Ɔsorosoroni ahotefoɔ no dii bem. Afei, ɛberɛ duruiɛ , wɔfa ahemman no.

23 "Afei, ɔkyerɛɛ me aseɛ , Saa aboa a ɔtɔ so ɛnan yi ahemman a ɛtɔ so ɛnan a ɛbɛba asase so. Ɛbɛda nso ahemman a aka no nyinaa mu. Ɛbɛmene asase nyinaa, na atiatia so abubu no asinasini. 24 Ne mmɛn edu no ahemfo edu a wɔbɛfiri saa ahemman no mu. Afei, ɔhene foforɔ bɛsɔre a ɔda nso edu a aka no mu a ɔbɛbrɛ ahemfo no mu mmiɛnsa ase. 25 Ɔbɛkasa atia Ɔsorosoroni no, na wahyɛ ahotefoɔ no so. Ɔbɛbɔ mmɔden , ɔbɛsesa wɔn afahyɛ kronkron ahodoɔ ne wɔn mmara no, na wɔde wɔn ahyɛ nʼase kɔsi mmerɛ bi.

26 " Nanso, abadwafoɔ bɛtena ase, na wɔagye ne tumi nyinaa, na wɔasɛe no korakora. 27 Afei, wɔde ahennie ne tumi ne kɛseyɛ a ɛwɔ ahemman a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa bɛma ahotefoɔ, Ɔsorosoroni no nkurɔfoɔ. Na nʼahemman bɛtena daa, na ahemfo nyinaa bɛsɔre no na wɔayɛ ɔsetie ama no.

28 "Asɛm no awieeɛ nie. Me, Daniel, mʼadwendwene yi haa me yie na mʼanim sesaeɛ na mede saa nsɛm yi siee mʼakoma mu."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-