9 "Megu so rehwɛ no,
"mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ,
na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase.
Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;
na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi.
Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa
na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram.
10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten
tene firii nʼanim baeɛ.
Abɔfoɔ mpempem kotoo no,
na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim.
Abadwafoɔ no tenaa ase,
na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.