Publicidade

Daniel 9

Daniel Mpaeɛbɔ

1 Ahasweros babarima Dario (a nʼase firi Media) a wɔyɛɛ no ɔhene Babilonia ahennie so no 2 afe a ɛdi ɛkan no, me, Daniel, metee aseɛ firii atwerɛsɛm mu sɛdeɛ Awurade de maa Odiyifoɔ Yeremia , Yerusalem bɛda mpan mfirinhyia aduɔson. 3 Ɛno enti, mefiraa ayitoma de nsõ huraa me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Onyankopɔn anim kɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛeɛ. 4 Mebɔɔ Awurade me Onyankopɔn mpaeɛ, na mepaee mu kaa :

"Ao Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwanwani! Wo a wodi ɔdɔ apam soɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara so. 5 Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ. 6 Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.

7 "Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase. 8 Ao, Awurade, aniwuo aka yɛn ne yɛn ahemfo, ahenemma ne yɛn agyanom, ɛfiri , yɛayɛ bɔne atia wo. 9 Ɛwom , yɛate Awurade yɛn Onyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔborɔ na ɔde bɔne kyɛ. 10 Yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade yɛn Onyankopɔn, na yɛanni ne mmara a ɔnam nʼasomfoɔ adiyifoɔ so de maa yɛn no so. 11 Israel nyinaa abu wo mmara so, na wɔafiri ho a wɔmpɛ wɔyɛ ɔsetie ma wo.

"Enti, nnome ne atemmuo a wɔaka ntam atwerɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ Mose Mmara mu no, wɔahwie agu yɛn so, yɛayɛ bɔne atia wo enti. 12 Ɔhaw kɛseɛ a wobɔɔ ho kɔkɔ wobɛyɛ atia yɛn ne yɛn ahemfo no, woayɛ. Ɔsoro ase nyinaa, biribiara nsii sɛdeɛ asi Yerusalem no bi da. 13 Sɛdeɛ wɔatwerɛ Mose mmara mu no, saa amanehunu yi nyinaa aba yɛn so, nanso yɛnhwehwɛɛ Awurade yɛn Onyankopɔn mmɔborɔhunu, yɛbɛfiri yɛn bɔne ho na yɛapɛ nokorɛ akyiri ɛkwan. 14 Awurade antwentwɛn ɔde amanehunu no bɛba yɛn so, ɛfiri Awurade yɛn Onyankopɔn biribiara a ɔyɛ mu, nanso yɛanyɛ ɔsetie amma no.

15 "Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, wo a wode nsa a ɛyɛ den yii wo nkurɔfoɔ firii Misraim, de gyee din a atena abɛsi ɛnnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛayɛ mfomsoɔ. 16 Awurade, sɛdeɛ wo tenenee nneyɛɛ nyinaa teɛ no enti, yi wʼabofuo ne wʼanibereɛ firi wo kuropɔn Yerusalem ne wo bepɔ kronkron no so. Esiane yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ enti, nnipa a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa di Yerusalem ne wo nkurɔfoɔ ho fɛw.

17 "Na afei yɛn Onyankopɔn, tie wʼakoa mpaeɛbɔ, ne ne nkotosrɛ. Wo enti, Ao, Awurade, te wʼanim bio kyerɛ wo kronkronbea a agyigya no. 18 aso, Ao, me Onyankopɔn na tie; bue wʼani, na hwɛ kuropɔn a wo Din da soɔ a agyigya no. Ɛnyɛ yɛn tenenee enti na yɛde yɛn nkotosrɛ aba wʼanim, na mmom ɛyɛ wo mmɔborɔhunu bebrebe no enti. 19 Ao, Awurade, tie! Ao, Awurade, fa kyɛ! Ao, Awurade, tie na ! Wo enti, me Onyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri , wo Din da wo kuropɔn ne wo nkurɔfoɔ so."

Gabriel Kyerɛ Daniel Anisoadehunu No Ase

20 Ɛberɛ a merekasa na merebɔ mpaeɛ, na mereka me ne me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɔne akyerɛ, na mede mʼadesrɛ reto Awurade me Onyankopɔn anim ama ne bepɔ kronkron no, 21 na megu so rebɔ mpaeɛ no, Gabriel a mehunuu no kane anisoadehunu mu no de ahoɔherɛ baa me nkyɛn bɛyɛ anwummerɛ afɔrebɔ berɛ mu. 22 Ɔkyerɛkyerɛɛ me , "Daniel, maba ha merebrɛ wo nhunumu ne nteaseɛ. 23 Wohyɛɛ aseɛ worebɔ mpaeɛ no, mmuaeɛ baeɛ, na maba merebɛka akyerɛ wo, ɛfiri , wɔbu wo yie. Enti dwene asɛm no ho na te anisoadehunu no ase.

24 " Mmerɛ aduɔson ahodoɔ nsonna wɔahyɛ ama wo nkurɔfoɔ ne wo kuropɔn kronkron no, wɔgyae mmarato, na wɔtwa bɔneyɛ so, na wɔpata atirimuɔden, na tenenee a ɛto ntwa da ba, na wɔsɔ anisoadehunu ne nkɔmhyɛ ano, na wɔsra Kronkron mu Kronkronbea ngo.

25 "Tie na te yei ase: Ɛfiri ɛberɛ a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforɔ, kɔsi Deɛ Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmerɛ nson ahodoɔ nson, ne aduosia mmienu ahodoɔ nson. Wɔbɛyiyi mmorɔno ne akwan na wɔayɛ abanbɔdeɛ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ mu. 26 Mmerɛ aduosia mmienu ahodoɔ nson akyi no, wɔbɛkum Deɛ Wɔasra no ngo no a wɔrennya ne ho asɛm biara. Ɔhene a ɔbɛba no nkurɔfoɔ bɛba abɛsɛe kuropɔn ne kronkronbea no. Awieeɛ no bɛba nsuyire, na ɔko ne emu ahoyera bɛba akɔsi awieeɛ sɛdeɛ wɔahyɛ no. 27 Ɔbɛsi ɔno ne nnipa bebree ntam apam so dua mmerɛ nsonbaako mu. Na mmerɛ nsonno mfimfini no, ɔbɛgyae afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ ma. Ɔbɛdua abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ bɛba asɔredan no no mu, kɔsi awieeɛ a wɔahyɛ no bɛhwie agu ne so."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-