Publicidade

Efésios 1

Nkyea

1 Krataa yi firi me Paulo a Onyankopɔn firi ne mu ayɛ me Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn,

Meretwerɛ akɔma ahotefoɔ a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu nokwafoɔ no:

2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo.

Honhom Nhyira Kristo Mu

3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri , ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn. 4 Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ ewiase no, ɔdɔɔ yɛn na ɔyii yɛn Kristo mu yɛbɛyɛ kronkron a mfomsoɔ biara nni yɛn ho nʼani so. Ɔfiri ɔdɔ mu 5 hyɛ too , ne mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma, 6 de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa ne Ba no mu no. 7 Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ a ɛfiri ne mogya mu. Ne mu na yɛnya bɔnefakyɛ nso, sɛdeɛ Onyankopɔn adom mmorosoɔ a 8 ɔde nyansa ne nteaseɛ nyinaa hwie guu yɛn so no teɛ. 9 Onyankopɔn nam deɛ Kristo yɛeɛ no so ada nʼanwanwa kwan no adi akyerɛ yɛn , 10 ɛberɛ a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔdeɛ nyinaa ano, deɛ ɛwɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.

11 Onyankopɔn deɛ ɔpɛ ɛberɛ biara. Ɛno enti na ɔnam Kristo so paw yɛn firii ewiase ahyɛaseɛ, 12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn a yɛdii ɛkan nyaa anidasoɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no animuonyam. 13 Saa ara na ɛte mo ho nso. Ɛberɛ a motee nokwasɛm a ɛyɛ Asɛmpa a ɛmaa mo nkwagyeɛ no, mogyee Kristo diiɛ. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nso ne mu. 14 Honhom no ma yɛn awerɛhyɛmu wɔde deɛ Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfoɔ no bɛma yɛn. Afei, yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no animuonyam.

Aseda Ne Mpaeɛbɔ

15 Esiane yei enti, ɛfiri ɛberɛ a metee gyidie a mowɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no, 16 mennyaee aseda a meda Onyankopɔn ma mo no da. Mekae mo me mpaeɛbɔ mu, 17 na mebisa yɛn Awurade Yesu Kristo Onyankopɔn, animuonyam Agya no , ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu no. 18 Mesrɛ mo adwene mu mmue na monhunu ne hann no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya anidasoɔ a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no ne ahonya a ɛwɔ agyapadeɛ kronkron a ɛwɔ ma ahotefoɔ no, 19 ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yɛgye die no. Ɛyɛ saa tumi nwanwasoɔ no ara na ɔdaa no adi 20 ɛberɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nifa so ɔsoro ahemman no mu no. 21 Saa tumi yi korɔn sene mpaninnie ne tumidie, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne diberɛ biara a wɔtumi de ma saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a ɛbɛba no mu. 22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, 23 a ɛne ne onipadua. Ɔno ne deɛ ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma akwan nyinaa mu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-