Publicidade

Filemom 1

Nkyea

1 Nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu enti, meyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn,

Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon 2 ne asafo a wɔhyia wo fie no ne yɛn nuabaa Apia ne yɛn yɔnko ɔsraani Arkipo no:

3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

4 Onua Filemon, ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mebɔ bi ma wo na meda me Onyankopɔn nso ase. 5 Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne gyidie a wowɔ Awurade Yesu mu no. 6 Mebɔ mpaeɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa. 7 Onua pa, wo no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

8 meyɛ wo nua Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ woyɛ, 9 nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei, 10 meresrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba ɛberɛ a na meda afiase no. 11 Ɛberɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho mfasoɔ ma me ne wo.

12 Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa mʼakoma no asane nʼakyi aba wo nkyɛn. 13 Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me. 14 Nanso, mempɛ mehyɛ wo boa me. Mmom, mepɛ wo ara wofiri wo mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye wopene so. 15 Ebia na Onesimo firii wo nkyɛn ɛberɛ tiawa bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye no ato mu bio afebɔɔ. 16 Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri , ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo ɔsomfoɔ ne onua Awurade mu.

17 Enti, wodwene me ho wo fafafoɔ a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛdeɛ wobɛgye me no ara. 18 wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, mɛtua wo ka. 19 Me Paulo, mede mʼankasa me nsa retwerɛ mɛtua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfiri wo nso wode me ka, a ɛyɛ wʼankasa wo nkwa. 20 Enti, me nua, mesrɛ wo , Awurade enti, me saa adɔeɛ yi; ka mʼakoma hye wo nua Kristo mu. 21 Mewɔ anidasoɔ , deɛ meretwerɛ wo yi, wobɛyɛ ama aboro deɛ merebisa wo yi so.

22 Afei ɛdan ma me, ɛfiri , menim Onyankopɔn bɛtie mo mpaeɛbɔ ama mabɛka mo ho bio.

23 Epafra a Kristo Yesu enti ɔne me da afiase no kyea wo.

24 Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyea wo.

25 Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.

Veja também

Filemom
Ver todos os capítulos de Filemom
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-