Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 14

Absalom Sane Ba Yerusalem

1 Na Yoab hunuu ɔhene ɔhunu Absalom. 2 Enti, ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi a wagye edin yie brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no , "Hyɛ da wo ho wowɔ ayie mu, na fira ayitoma. Nnware anaa mfa aduhwam mpete wo ho nso. wo ho ɔbaa a wadi awerɛhoɔ nna bebree. 3 Na ɔhene nkyɛn kɔka asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi kyerɛ no." Na Yoab kaa asɛm a ɔpɛ ɔbaa no kɔka no kyerɛɛ no.

4 Na Tekoani baa no duruu ɔhene no anim no, ɔhwee fam de nʼanim butuu fam teaam , "Ao Nana! Boa me!"

5 Ɔhene no bisaa no , "Ɛyɛ asɛm bɛn?"

Ɔbuaa no , "Meyɛ okunafoɔ. 6 Me mma baanu kɔdii ako akono. Na ɛsiane na obiara nni a ɔbɛpata ɔko no enti, wɔkumm wɔn mu baako. 7 Nanso, abusua no nkaeɛ no bisaa , Ma yɛn nsa nka wo ba no. Yɛbɛkum no, ɛfiri , woakum ne nuabarima. Ɔmfata ɔbɛdi efie agyapadeɛ so.Na meyɛ saa nso a, na menni obiara a waka, na me kunu din ne me fie bɛyera asase so ha."

8 Ɔhene ka kyerɛɛ no , "Gyae asɛm no ma me. efie na mɛhwɛ obiara remfa ne nsa nka no."

9 Ɔkaa , "Ao, me wura, meda wo ase. Na mmoa a woaboa me yi enti, obi kasa tia wo a, mɛfa ho soboɔ no."

10 Ɔhene no kaa , "Mma yei nha wo. nnipa bi mpene a, fa wɔn brɛ me ha. Na mɛtumi ama wo awerɛhyɛmu , obiara nwiinwii ho bio."

11 Afei, ɔbaa no kaa , "Fa Awurade, wo Onyankopɔn, no din ka ntam kyerɛ me , woremma obiara ntɔ me babarima no so were. Merenhwehwɛ mogyahwieguo bio."

Ɔhene no nso kaa , "Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, wo ba no tirinwi a ɛwɔ ne tiri so mu baako mpo ho renka."

12 Afei, ɔbaa no kaa , "Ma wo ɔsomfoɔ nka biribi nkyerɛ me wura ɔhene."

Ɔbuaa , "so kasa."

13 Ɔbaa no bisaa , "Adɛn enti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔahyɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho woasi saa gyinaeɛ yi. Wompɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asuo no ba efie. 14 ɛkɔsi sɛn ara, obiara bɛwu. Na sɛdeɛ nsuo hwie gu fam a wosesa a ɛnyɛ yie no, saa ara na nkwa teɛ. Ɛno enti na Onyankopɔn sane de yɛn ba ne nkyɛn ɛberɛ a yɛate yɛn ho afiri ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ woyɛ saa.

15 "Na maba merebɛdi ama me babarima, ɛfiri , wɔde owuo hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho , Ebia, ɔhene bɛtie me, 16 na wagye yɛn afiri wɔn a wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho no nsam.

17 "Aane, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoeɛ bio. Menim wote Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a wobɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Awurade, wo Onyankopɔn, nka wo ho.’ "

18 Ɔhene bisaa , "Mepɛ mehunu adeɛ baako."

Ɔbaa no kaa , "Ɛyɛ ɛdeɛn, me wura?"

19 Na ɔhene no bisaa , "Yoab na ɔsomaa wo ha anaa?"

Ɔbaa no buaa , "Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa yei ho atorɔ? Obiara ntumi mfa biribiara nhinta wo. Ɛyɛ nokorɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka. 20 Ɔyɛɛ saa, sɛdeɛ mɛfa ɛkwan foforɔ so de saa asɛm yi ato wʼanim. Na wo nso, wonim nyansa te Onyankopɔn ɔbɔfoɔ, na biribiara a ɛsi yɛn ntam ha no nso, wote aseɛ."

21 Enti, ɔhene no soma ma wɔkɔfaa Yoab baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no , "Ɛyɛ, na kɔfa aberanteɛ Absalom bra."

22 Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no , "Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisadeɛ ama me."

23 Na Yoab kɔɔ Gesur kɔfaa Absalom baa Yerusalem. 24 Nanso, ɔhene maa ahyɛdeɛ yi , "Absalom tumi ɔno ankasa ne fie, nanso ɔnhwɛ na wamma mʼanim ha." Enti, Absalom anhunu ɔhene no.

Absalom Ne Dawid Nkabom

25 Israel nyinaa, na obiara nni a ne ho , te Absalom. Ɛfiri ne tiri so kɔsi ne nan ase, na wohunu ɔyɛ ɔbarima ankasa. 26 Afe biara, na ɔyi ne ti pɛnkorɔ, ɛfiri , ne nwi no adesoa ma no. Na ɔyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram mmienu ne fa.

27 Na ɔwɔ mmammarima baasa ne ɔbabaa baako. Na ne babaa no din de Tamar. Na Tamar nso kura ahoɔfɛ a ɛmma ɔka.

28 Absalom tenaa Yerusalem mfeɛ mmienu a wanhunu ɔhene no da. 29 Afei, Absalom soma kɔfrɛɛ Yoab ɔnkɔka bi mma no, nanso Yoab ankɔ. Absalom somaa ne mprenu so, nanso Yoab ankɔ. 30 Ɛno enti, Absalom ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ , "Monkɔ na momfa ogya nkɔto Yoab atokoɔ afuo a ɛbɛn me deɛ no ho mu." Na wɔde ogya kɔtoo afuo no mu, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn wɔnyɛ no.

31 Na Yoab baa Absalom nkyɛn bɛbisaa no , "Adɛn enti na wʼasomfoɔ akɔto mʼafuo mu ogya?"

32 Na Absalom buaa no , "Ɛfiri , na mepɛ wokɔbisa ɔhene ma me , adɛn enti na ɔmaa me sane firi Gesur baeɛ, nanso ɔmpɛ ɔhunu mʼanim koraa? Ɛnneɛ, anka metenaa me dada mu ara a, anka ɛyɛ. Ma menhunu ɔhene no, na medi biribi ho a, ɔtumi kum me."

33 Enti, Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a wate ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom bɛduruu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid fee nʼano.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também