Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 15

Absalom Atuateɛ

1 Yei akyi no, Absalom tɔɔ teaseɛnam ne apɔnkɔ, na ɔbɔɔ mmarima aduonum paa wɔbɛdi nʼanim. 2 Adekyeɛ biara, ɔsɔre ntɛm na wakɔtena kuropɔn no ɛpono ano. Na nnipa bi de asɛm bɛto ɔhene no anim ɔmmu ho atɛn a, Absalom bɛbisa faako a wɔfirie, na wɔakyerɛ abusuakuo a wɔfiri mu. 3 Na Absalom bɛka , "Wʼasɛm deɛ, nanso ɔhene nni obiara a ɔbɛtie. 4 meyɛ ɔtemmufoɔ anka mepɛ. Anka nnipa de wɔn nsɛm bɛba mʼanim, na mabu wɔn atɛn."

5 nnipa wɔkoto no a, Absalom mma wɔn nyɛ saa na mmom ɔsɔ wɔn nsa, wɔn atuu. 6 Absalom yɛɛ saa de nyaa Israelfoɔ no nyinaa nʼafa.

7 Mfirinhyia ɛnan akyi, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no , "Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade sɛdeɛ mahyɛ no no. 8 Ɛberɛ a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa no , Awurade de me sane ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔdeɛ ama no Hebron.’ "

9 Ɔhene no kaa , "Ɛyɛ, na kɔdi wo bɔhyɛ so." Enti, Absalom kɔɔ Hebron.

10 Ɛberɛ a ɔwɔ no, ɔfaa sum ase somaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa kɔhwanyanee ɔmanfoɔ de tiaa ɔhene no. Ne nkra ne , "mote totorobɛnto nne a, monka , Absalom adi ɔhene Hebron.’ " 11 Absalom faa mmarima ahanu firii Yerusalem kaa ne ho a na wɔnnim Absalom nsusuiɛ yi ho hwee. 12 Ɛberɛ a Absalom rebɔ afɔdeɛ no, ɔsoma ma wɔkɔfaa Giloni Ahitofel a na ɔyɛ Dawid fotufoɔ firi ne kurom Gilo baeɛ. Ankyɛre nnipa bebree no ara bɛkaa Absalom ho, na atirisopam no mu yɛɛ den.

Dawid Dwane Firi Yerusalem

13 Ankyɛre, ɔbɔfoɔ bi baa Yerusalem bɛka kyerɛɛ ɔhene Dawid , "Israel nyinaa atu di Absalom akyi wɔayɛ dɔm atia wo."

14 Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima , "Monyɛ no ntɛm na yɛnnwane mfiri ha, ansa na waduru ha, sɛdeɛ amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kuro mu no nyinaa."

15 Nʼafotufoɔ no buaa , "Yɛgyina wʼakyi. Biribiara a wogye di ɛyɛ no, ."

16 Enti, ɔhene no ne ne fiefoɔ sii so kɔɔ prɛko a wannya biribiara akyire ne mpenafoɔ edu bi a wɔbɛhwɛ nʼahemfie no so. 17 Ɔhene no ne ne nkurɔfoɔ no faa fam, na wɔfaa kuropɔn no fa bi, 18 maa Dawid akodɔm no bɛtwaa wɔn ho dii wɔn anim. Nnipa a wɔkaa Dawid ho kɔeɛ no Gitifoɔ ahansia a wɔfiri Gat a ne banbɔfoɔ nso ka ho.

19 Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no , "Adɛn enti na woka yɛn ho rekɔ? Sane kɔka wo nkurɔfoɔ ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, ɛfiri , woyɛ ɔhɔhoɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asuo. 20 Woduruu ha nnora nko ara. Na ɛsɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyini anaa? Me mpo, mennim baabi a yɛbɛkorɔ. Sane wʼakyi na kɔfa wʼakodɔm ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne ne ne nokorɛ."

21 Nanso, Itai ka kyerɛɛ ɔhene no , "Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam , baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a deɛ ɛbɛsi biara mfa me ho, ɛyɛ nkwa anaa owuo."

22 Dawid buaa no , "Ɛyɛ, ka yɛn ho." Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ.

23 Awerɛhoɔ kɛseɛ sii asase no so, ɛberɛ a ɔhene ne nʼakyidifoɔ resene korɔ no. Wɔtwaa Kidron bɔnhwa no de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so.

24 Abiatar ne Sadok ne Lewifoɔ no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ kɔsii obiara seneeɛ.

25 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok , "Sane fa Onyankopɔn Adaka no kuropɔn no mu. menya Awurade anim adom a, ɔbɛsane de me aba ama mahunu Adaka no ne ne ntomadan no bio. 26 Nanso, ɔne me awie a, ma ɔnyɛ deɛ ɛyɛ ma no."

27 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Sadok , "Me nhyehyɛeɛ nie: Wo ne Abiatar nyɛ kodɛɛ nsane nkɔ kuropɔn no mu a wo babarima Ahimaas ne Yonatan a ɔyɛ Abiatar babarima ka ho. 28 Mɛtwɛn faako a wɔtwa Asubɔnten Yordan ɛserɛ no so kɔsi mɛte mo nkra. Momma mente asɛm a ɛbɛsi Yerusalem, ansa na makɔ ɛserɛ so." 29 Enti, Sadok ne Abiatar faa Onyankopɔn Adaka no de sane kɔɔ Yerusalem, na wɔtenaa .

30 Dawid faa ɛkwan a ɛkɔ Ngo Bepɔ so no so a, ɔrekɔ no nyinaa, na ɔretwa adwo. Na wakata ne tiri so, ɛnna ne nan sisi fam saa ara a ɛkyerɛ awerɛhoɔdie. Na nnipa a wɔka ne ho no nso katakataa wɔn tiri so, twaa adwo ɛberɛ a wɔgu so reforo bepɔ no. 31 Ɛberɛ a obi ka kyerɛɛ Dawid , afei deɛ ne ɔfotufoɔ Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpaeɛ , "Ao Awurade, ma Ahitofel ntu Absalom ɛfo bɔne!"

32 Wɔduruu Ngo Bepɔ no atifi baabi a nnipa som Onyankopɔn no, Dawid hunuu Husai a ɔfiri Arki a ɔretwɛn no. Na Husai asunsuane nʼatadeɛ mu, de dɔteɛ afɔre ne tirim, de kyerɛ awerɛhoɔdie. 33 Na Dawid ka kyerɛɛ no , "wo ne me a, wobɛyɛ adesoa ama me. 34 Sane Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom , Afei, mɛyɛ wo fotufoɔ sɛdeɛ da bi no na meyɛ wʼagya fotufoɔ no.Ɛba saa a, wobɛtumi atia Ahitofel afotuo mu, asɛe no. 35 Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar . Ka adwene a wɔafa me ho, wɔkyere me no kyerɛ wɔn, 36 na wɔbɛsoma wɔn mmammarima Ahimaas ne Yonatan na wɔabɛhwehwɛ me, aka deɛ ɛrekɔ so akyerɛ me."

37 Enti, Dawid adamfo Husai sane kɔɔ Yerusalem, kɔduruu berɛ korɔ no a Absalom nso duruu no mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também