Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Samuel 10

Dawid Di Amonfoɔ So Nkonim

1 Akyire no, Amonhene10.1 Amonfoɔ yɛ nnipa a na wɔte anweatam a na ɛwɔ Yordan apueeɛ fam no so. Nahas wuiɛ. Ne babarima Hanun na ɔdii nʼadeɛ ɔhene. 2 Dawid kaa , "Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ nʼagya yɛɛ me adɔeɛ no." Nʼagya wuo enti, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden.

Ɛberɛ a Dawid abɔfoɔ baa Amonfoɔ asase so no, 3 Amonfoɔ atitire no kɔbisaa wɔn wura Hanun , "Wogye di ba a Dawid somaa nʼabɔfoɔ baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ anidie ampa ara anaa? Wonnye nni Dawid somaa wɔn akwansra so, wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabɛtu agu?" 4 Ɛno enti, Hanun kyeree Dawid abɔfoɔ no, yii obiara abɔgyesɛ fa, twitwaa wɔn ntadeɛ to mfimfini , tutuu mu, na wɔgyaa wɔn ɛkwan, maa wɔde animguaseɛ kɔeɛ.

5 Ɛberɛ a wɔbɔɔ Dawid amaneɛ no, ɔtuu abɔfoɔ ma wɔkɔhyiaa mmarima no, ɛfiri , wɔguu wɔn anim ase yie. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn , "Montena Yeriko kɔsi mo abɔgyesɛ bɛfu ansa na moasane aba."

6 Ɛberɛ a Amonfoɔ hunuu wɔahyɛ Dawid abufuo no, wɔkɔbɔɔ Aramfoɔ asraafoɔ ɔpeduonu paa firii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem firii ne nkyɛn, na Tob nso wɔnyaa mmarima mpem dumienu. 7 Ɛberɛ a Dawid tee saa asɛm yi no, ɔsomaa Yoab ne nʼakofoɔ wɔne wɔn nkɔko. 8 Amonfoɔ no gyinaa wɔn kuro no ɛpono ano. Saa ɛberɛ no na Aramfoɔ a wɔfiri Soba ne Rehob ne mmarima a wɔfiri Tob ne Maaka no mfikyire baabiara retwɛn ɔtamfoɔ no.

9 Ɛberɛ a Yoab hunuu ɔbɛko akofanu no, ɔyii akodɔm a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfoɔ no mfikyire . 10 Ɔgyaa akodɔm a wɔaka no maa ne nuabarima Abisai ɔnkɔto nhyɛ Amonfoɔ no so. 11 Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no , "Aramfoɔ no den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na Amonfoɔ no nso den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo. 12 Hyɛ wo ho den. Ma yɛmfa akokoɔduru nko nnye yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn Onyankopɔn nkuro. Awurade nyɛ ."

13 Ɛberɛ a Yoab ne nʼakodɔm to hyɛɛ Aramfoɔ no so no, wɔhyɛɛ aseɛ dwaneeɛ. 14 Na Amonfoɔ no hunuu Aramfoɔ no redwane no, wɔdwane firii Abisai ho kɔhyɛɛ kuro no mu. Ɔko no guiɛ no, Yoab sane kɔɔ Yerusalem.

15 Afei, Aramfoɔ no hunuu ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfoɔ. Enti, wɔboaa wɔn ho ano bio no. 16 Aram akodɔm foforɔ bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn firii Asubɔnten Eufrate fa nohoa baeɛ. Saa akodɔm yi bɛduruu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a ɔtua Hadadeser akodɔm nyinaa ano nso.

17 Ɛberɛ a Dawid tee deɛ ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii akodɔm no anim, kɔduruu Helam. Ɛhɔ na Aramfoɔ no fifirii wɔn mpasua so to hyɛɛ Dawid so. 18 Nanso, bio, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ ahanson ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho. 19 Hadadeser ne nʼadɔmfoɔ Aramfoɔ hunuu Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfoɔ nkoa.

Ɛno akyi, Aramfoɔ suroo wɔbɛboa Amonfoɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também